Deuteronomium 27

Wɔntwerɛ mmara no ngu aboɔpono so

1 Na Mose ne Israel mpanimfoɔ no hyɛɛ ɔman no sɛ: Monni mmara nsɛm a merehyɛ mo nnɛ yi nyinaa so.

2 Na da a mobɛtwa Yordan akɔ asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema woɔ no soɔ no, fa aboɔ akɛseɛ sisi hɔ, na fa akaadoo sra ho,

3 na twerɛ mmara yi mu nsɛm nyinaa gu so, da a wobɛtwam akɔ asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema woɔ no soɔ no, asase a ɛsene nufosuo ne ɛwoɔ no, sɛdeɛ AWURADE wo nananom Nyankopɔn ahyɛ wo bɔ no.

4 Na mo Yordan twa mu no momfa aboɔ yi a merehyɛ mo nnɛ yi nsisi hɔ wɔ Ebal bepɔ so, na fa akaadoo sra ho.

5 Na si hɔ afɔrebukyia ma AWURADE wo Nyankopɔn, aboɔ afɔrebukyia, mma dadeɛ so wɔ so;

6 aboɔ amuamu na fa si AWURADE wo Nyankopɔn afɔrebukyia, na bɔ so ɔhyeɛ afɔdeɛ ma AWURADE wo Nyankopɔn;

7 na bɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ di no hɔ, na gye w’ani AWURADE wo Nyankopɔn anim.

8 Na twerɛ mmara yi mu nsɛm nyinaa gu aboɔ no so, fa kurukyire mu yie.

9 Na Mose ne Lewifoɔ asɔfoɔ no kasa kyerɛɛ Israel nyinaa sɛ: Israel, monyɛ aso ntie; ɛnnɛ da yi woayɛ AWURADE wo Nyankopɔn ɔman;

10 enti tie AWURADE wo Nyankopɔn nne, na di ne mmara nsɛm ne n’ahyɛdeɛ a merehyɛ wo nnɛ yi so.

Ebal bepɔ so nnome

11 Na Mose hyɛɛ ɔman no da no ara sɛ:

12 Motwa Yordan a, yeinom na ɛnnyina Gerisim bepɔ so nhyira ɔman no: Simeon, Lewi, Yuda, Isakar, Yosef ne Benyamin;

13 na yeinom nnyina Ebal bepɔ so nnome: Ruben, Gad, Aser, Sebulon, Dan ne Naftali.

14 Na Lewifoɔ mfiri aseɛ mfa nne kɛseɛ nka nkyerɛ Israelfoɔ nyinaa sɛ:

15 Nnome nka onipa a ɔbɛyɛ ohoni a wɔasene anaa agudeɛ, AWURADE akyiwadeɛ, adwumfoɔ nsa ano adwuma, na ɔde bɛsi kokoam! Na ɔman no nyinaa nnye so sɛ: Amen.

16 Nnome nka deɛ ɔyeyɛ n’agya ne ne na! Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen.

17 Nnome nka deɛ ɔtwe ne yɔnko hyeɛ! Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen.

18 Nnome nka deɛ ɔma onifirani fom kwan! Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen.

19 Nnome nka deɛ ɔkyea ɔhɔhoɔ, awisiaa ne okunafoɔ atemmuo! Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen.

20 Nnome nka deɛ ɔne n’agya yere da, ɛfiri sɛ wayi n’agya nkataho! Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen.

21 Nnome nka deɛ ɔne aboa biara da! Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen.

22 Nnome nka deɛ ɔne ne nuabaa, n’agya ba anaa ne na ba da! Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen.

23 Nnome nka deɛ ɔne n’ase da! Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen.

24 Nnome nka deɛ ɔhunta de adeɛ bɔ ne yɔnko! Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen.

25 Nnome nka deɛ ɔgye apaadeɛ sɛ ɔbɛkum onipa a ɔdi bem! Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen.

26 Nnome nka deɛ ɔmfa mmara yi mu nsɛm nsi hɔ sɛ ɔbɛyɛ! Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen.