Mmusuakuo no kyɛfa
1 Na yeinom ne mmusuakuo no din: Ɛfiri atifi fam hyeɛ no so, Hetlon kwan nkyɛn mu a ɛrekɔ Hamat, Hasar-Enan, Damasko hyeɛ so, (deɛ ɛhwɛ atifi fam wɔ Hamat nkyɛn mu), na wɔnnya ano apueeɛ ne atɔeɛ, ɛno ne Dan, homa baako.
2 Na deɛ ɛdi Dan hyeɛ soɔ ɛfiri apueeɛ de kɔ atɔeɛ no: Aser deɛ, baako;
3 na deɛ ɛdi Aser hyeɛ soɔ firi apueeɛ de kɔ atɔeɛ no: Naftali deɛ, baako;
4 na deɛ ɛdi Naftali hyeɛ soɔ firi apueeɛ de kɔ atɔeɛ no: Manase deɛ, baako;
5 na deɛ ɛdi Manase hyeɛ soɔ firi apueeɛ de kɔ atɔeɛ no: Efraim deɛ, baako;
6 na deɛ ɛdi Efraim hyeɛ soɔ firi apueeɛ de kɔ atɔeɛ no: Ruben deɛ, baako;
7 na deɛ ɛdi Ruben hyeɛ soɔ firi apueeɛ de kɔ atɔeɛ no: Yuda deɛ, baako.
8 Na deɛ ɛdi Yuda hyeɛ soɔ firi apueeɛ de kɔ atɔeɛ no nyɛ mmasoɔ asase a momma soɔ no, ne trɛ nyɛ basafa mpem aduonu nnum. Na ne ntwemu nyɛ sɛ kyɛfa no bi mfiri apueeɛ nkɔsi atɔeɛ, na kronkronbea no nna mfimfini.
9 Mmasoɔ asase a monyi mma AWURADE no ntwemu nie: Susuo basafa mpem aduonu nnum, na ne trɛ yɛ mpem du.
10 Na wɔn a mmasoɔ asase kronkron yi nyɛ wɔn deɛ nie: Asɔfoɔ deɛ, atifi fam basafa mpem aduonu nnum, atɔeɛ fam trɛ nyɛ mpem du, apueeɛ fam trɛ mpem du, na anafoɔ fam ntwemu mpem aduonu nnum, na AWURADE kronkronbea no nna mfimfini.
11 Ɛnyɛ asɔfoɔ a wɔayɛ wɔn kronkron, Sadok mma mu, a wɔayɛ me som adwuma no a wɔamfom, Israelfoɔ fom no mu, sɛdeɛ Lewifoɔ no fomeeɛ no,
12 na wɔnnya asase no mmasoɔ mu deɛ wɔama soɔ, akronkronneɛ mu adekronkron, Lewifoɔ no hyeɛ ho.
13 Na Lewifoɔ no nnya asɔfoɔ hyeɛ no nkyɛn mu ntwemu mpem aduonu nnum na ne trɛ yɛ mpem du; ntwemu nyinaa nyɛ mpem aduonu nnum, na ne trɛ nyɛ mpem du.
14 Na wɔnntɔn mu bi, na wɔnnsesa, na wɔnnane asase no adeɛ a ɛdi kan no mmma, na ɛyɛ kronkron ma AWURADE.
15 Na basafa mpemnum a ɛka ne trɛ mu, mpem aduonu nnum no mu no nyɛ anihumafoɔ adeɛ mma kuro no sɛ wɔn tenabea ne ɛho asase, na kuro no nna mfimfini.
16 Na ne nsusuiɛ nie: Atifi fam ano: Basafa mpemnan ahanum; na anafoɔ fam ano: Mpemnan ahanum; na apueeɛ ano: Mpemnan ahanum; na atɔeɛ fam ano: Mpemnan ahanum.
17 Na kuro no nnya mmoa adidibea nsase: Basafa, ahanu aduonum atifi fam, ne anafoɔ, basafa ahanu aduonum, ne atɔeɛ fam basafa ahanu aduonum.
18 Na deɛ aka wɔ mmasoɔ asase kronkron no nkyɛn mu, apueeɛ no, basafa mpem du ne atɔeɛ basafa mpem du no, ɛnna mmasoɔ asase kronkron no nkyɛn mu na ne nnɔbaeɛ nyɛ kuro no adwumayɛfoɔ aduane;
19 na kuro no adwumayɛfoɔ deɛ, wɔbɛfiri Israel mmusuakuo nyinaa mu abɛyɛ so adwuma.
20 Mmasoɔ asase no nyinaa yɛ basafa mpem aduonu nnum ne mpem aduonu nnum, mmasoɔ asase kronkron no nyɛ ahinanan na ɛnka kuro no deɛ no ho.
21 Na nkaeɛ no nyɛ ɔberempɔn no deɛ, mmasoɔ asase kronkron ne kuro no deɛ no ho, ɛha ne ɛha, deɛ ɛda mmasoɔ asase no ho yɛ basafa mpem aduonu nnum no ho kɔsi apueeɛ hyeɛ so, ne atɔeɛ fam deɛ a ɛda mpem aduonu nnum no ho kɔsi atɔeɛ hyeɛ so ma no sesɛ mmusuakuo no kyɛfa soɔ no, ɛnyɛ ɔberempɔn no deɛ, na mmasoɔ asase kronkron ne asɔrefie no kronkronbea no nna ntam.
22 Na ɛfiri Lewifoɔ no kyɛfa ne kuro no kyɛfa a ɛda ɔberempɔn no deɛ no ntam no soɔ, deɛ ɛda Yuda hyeɛ ne Benyamin hyeɛ ntam no nyɛ ɔberempɔn no deɛ.
23 Na mmusuakuo a aka no deɛ nie: Ɛfiri apueeɛ de kɔ atɔeɛ no, Benyamin deɛ, baako;
24 na deɛ ɛdi Benyamin hyeɛ soɔ firi apueeɛ de kɔ atɔeɛ no: Simeon deɛ, baako;
25 na deɛ ɛdi Simeon hyeɛ so firi apueeɛ de rekorɔ no: Isakar deɛ, baako;
26 na deɛ ɛdi Isakar hyeɛ soɔ firi apueeɛ de kɔ atɔeɛ no: Sebulon deɛ, baako;
27 na deɛ ɛdi Sebulon hyeɛ so firi apueeɛ de kɔ atɔeɛ no: Gad deɛ, baako;
28 na Gad hyeɛ a ɛwɔ anafoɔ fam a ɛkyerɛ nifa no so hyeɛ no mfiri Tamar mfa ɔham nsuo a ɛwɔ Kades ne Misraim subonhwa no nkɔsi ɛpo kɛseɛ no ano.
29 Yei ne asase a momfa ntonto nkyɛ mma Israel mmusuakuo na wɔnni soɔ no, na yeinom ne wɔn kyɛfa, Awurade NYANKOPƆN asɛm nie.
30 Na yeinom ne kuro no ho apono: Atifi fam deɛ no nsusuiɛ yɛ basafa mpemnan ahanum;
31 na kuro no aponkɛseɛ no wowɔ Israel mmusuakuo no din: Atifi fam aponkɛseɛ mmiɛnsa: Ruben ponkɛseɛ, baako; Yuda ponkɛseɛ, baako; Lewi ponkɛseɛ, baako.
32 Na apueeɛ fam deɛ no: Basafa mpemnan ahanum ne aponkɛseɛ mmiɛnsa: Yosef ponkɛseɛ, baako; Benyamin ponkɛseɛ baako, ne Dan ponkɛseɛ no.
33 Na anafoɔ fam deɛ no nsusuiɛ: Basafa mpemnan ahanum ne aponkɛseɛ mmiɛnsa: Simeon ponkɛseɛ, baako; Isakar ponkɛseɛ, baako; Sebulon ponkɛseɛ, baako.
34 Atɔeɛ fam deɛ no: Basafa mpemnan ahanum, n’aponkɛseɛ mmiɛnsa: Gad ponkɛseɛ, baako; Aser ponkɛseɛ, baako, ne Naftali ponkɛseɛ no.
35 Deɛ ɛtwa ho hyia yɛ basafa mpem dunwɔtwe. Na ɛfiri da no, kuro no din ne: AWURADE wɔ hɔ.