Ɔhene bɔhyɛ
Dawid dwom.
1 Mɛto adɔeɛ ne atemmuo ho dwom,
wo, AWURADE, na mɛto dwom yi mama woɔ.
2 Mede nimdeɛ bɛfa pɛyɛ kwan so.
Da bɛn na wobɛba me nkyɛn?
Mede m’akoma pɛyɛ bɛnante
me fie.
3 Meremma ahuhusɛm
biara nsi m’ani so,
mekyiri ahohwisɛmdie,
ɛremfam me ho.
4 Akoma kontonkyi mpare me,
bɔne rensɔ m’ani.
5 Deɛ ɔhunta twiri ne yɔnko no,
ɔno na mɛtwa no;
ahantan ani ne akoma a ɛhoran
merempene no.
6 M’ani wɔ asase so nokwafoɔ so,
sɛ wɔmmɛtena me ho;
deɛ ɔnam pɛyɛ kwan soɔ no,
ɔno na ɔmmɛsom me.
7 Deɛ ɔtwa nkontompo
rentena me dan mu,
deɛ ɔkeka atorosɛm
rennyina m’anim.
8 Daa anɔpa mɛtwitwa asase so
abɔnefoɔ nyinaa,
na matu amumuyɛfoɔ nyinaa
mafiri AWURADE kuro mu.