Nyankopɔn nnepa ho ayeyie
1 Monyi AWURADE ayɛ!
Mede m’akoma nyinaa bɛkamfo AWURADE,
ateneneefoɔ dwabɔ ne asafo mu.
2 AWURADE nneyɛɛ yɛ akɛseɛ,
wɔn a ɛyɛ wɔn fɛ nyinaa hwehwɛ akyire kwan.
3 N’adwuma yɛ anidie ne animuonyam,
na ne tenenee gyina hɔ daa.
4 Wama wɔakae n’anwanwadeɛ,
ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ ne AWURADE.
5 Ɔma wɔn a wɔsuro no didi mee,
ɔkae n’apam daapem.
6 Wayi ne nneyɛɛ tumi akyerɛ ne man
de amanaman agyapadeɛ ama wɔn.
7 Ne nsa ano nneyɛɛ yɛ nokorɛ ne atemmuo,
n’ahyɛdeɛ nyinaa tim hɔ pintinn.
8 Ɛtintim hɔ daa daa,
wɔayɛ no nokorɛ ne tee mu.
9 Wasoma ɔgyeɛ abrɛ ne man,
wahyɛ n’apam de kɔsi daa,
ne din yɛ kronkron, na ɛho yɛ hu.
10 Nyansa mfitiaseɛ ne AWURADE suro,
ɛyɛ nhunumu pa ma wɔn a wɔdi soɔ nyinaa,
n’ayeyie gyina hɔ daa.