Nnwom 113

Onyankopɔn dom ahobrɛasefoɔ

1 Monyi AWURADE ayɛ!

Mo AWURADE nkoa, monyi ayɛ,

monyi AWURADE din ayɛ.

2 Nhyira nka AWURADE din

mfiri nnɛ nkɔsi daa.

3 Ɛfiri owiapueeɛ kɔpem n’atɔeɛ,

AWURADE din sɛ ayeyie.

4 Wɔama AWURADE so amanaman nyinaa so,

n’animuonyam tra ɔsoro.

5 Hwan na ɔte sɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn

a ne tenabea wɔ soro,

6 na ɔbrɛ ne ho ase hwɛ fam,

ɔsoro ne asase soɔ?

7 Ɔma mmɔborɔni so firi mfuturo mu,

na ɔma ohiani so firi sumina so,

8 sɛ ɔde no bɛtena mmapɔmma nkyɛn,

ne man mu mmapɔmma.

9 Ɔma ɔbaabonini nya efie tena mu,

na ɔyɛ ɔbaatan a n’ani gyeɛ.

Monyi AWURADE ayɛ!