Nnwom 126

Wɔn a wɔde nisuo guo de ahurisie bɛtwa

Ɔsoroforɔ dwom.

1 Berɛ a AWURADE de Sion firi nnommum sane baeɛ no,

yɛyɛɛ sɛ adaeɛsofoɔ.

2 Ɛno na sereɛ hyɛɛ yɛn anomu ma,

na anigyeɛ dwom hyɛɛ yɛn tɛkyerɛma so ma.

Ɛno na wɔkaa no amanaman mu sɛ:

AWURADE ayɛ ade kɛseɛ ama wɔn.

3 AWURADE ayɛ ade kɛseɛ ama yɛn,

yɛn ani agye.

4 AWURADE, fa yɛn firi nnommum sane bra

sɛ anafoɔ fam asase so asutene.

5 Wɔn a wɔde nisuo guo

de ahurisie bɛtwa.

6 Sɛ mpo wɔde nisuo nenam

kura aba a wɔguo no a,

wɔde ahurisie bɛkura

n’ayemfi aba.