Nyankopɔn adɔeɛ ne ne nokorɛdie ho aseda
Dawid deɛ.
1 Mede m’akoma nyinaa bɛda wo ase,
anyame no anim mɛto wo dwom.
2 Mɛkoto makyerɛ w’asɔrefie kronkron no,
na mada wo din ase,
w’adɔeɛ ne wo nokorɛ ho,
sɛ woama w’asɛm aso atra wo din nyinaa.
3 Da a mesu mefrɛeɛ no, wogyee me so,
wohyɛɛ me den maa me kra nyaa ahoɔden.
4 AWURADE, asase so ahemfo nyinaa bɛda wo ase,
sɛ wɔate w’anomu nsɛm.
5 Na wɔbɛto AWURADE akwan ho dwom,
sɛ AWURADE animuonyam yɛ kɛseɛ.
6 Na AWURADE wɔ sorosoro, na ɔhwɛ ahobrɛasefoɔ,
na ahantanfoɔ deɛ, ɔhu wɔn wɔ akyirikyiri.
7 Menam ahohia mu a,
woma me nkwa,
wotene wo nsa m’atamfoɔ abufuo so,
na wo nifa gye me.
8 AWURADE bɛwie di ama me,
AWURADE, w’adɔeɛ wɔ hɔ daa,
wo nsa ano adwuma no, worennya no hɔ.