Nnwom 42

Nyankopɔn ho anigyina

Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Kora mma nnweneho dwom.

1 Sɛdeɛ ɔforoteɛ pere

hwehwɛ nsuwa no,

sɛ me kra pere hwehwɛ wo,

Onyankopɔn, ne no.

2 Onyankopɔn, nkwa Nyankopɔn ho sukɔm de me kra.

Da bɛn na mɛba mabɛfiri Nyankopɔn anim?

3 Me nisuo ayɛ me aduane

awia ne anadwo,

sɛ wɔse me daa sɛ:

Wo Nyankopɔn wɔ he?

4 Mekae yeinom,

na mehwie me kra wɔ me mu,

sɛdeɛ me ne asafokuo

nante kɔɔ Nyankopɔn fie,

na me ne nkurɔfoɔ a wɔnam yuu hyɛ fa no

de ayeyie ne aseda nnwom kɔeɛ no.

5 Me kra, adɛn na woaboto sɛɛ,

na wosi me mu apini?

Fa w’ani to Nyankopɔn so na mɛda so mayi no ayɛ,

sɛ ɔyɛ m’anim boafoɔ

6 ne me Nyankopɔn.

Me kra aboto wɔ me mu,

enti mekae wo,

Yordan ne Hermon mmepɔ asase so,

Misar bepɔ so.

7 Ebunu frɛ ebunu,

wo nsuo a ɛworo guo no gyegyeegye no mu,

w’asorɔkyeɛ ne wo aworɔ nyinaa

abu afa me so.

8 Adekyeeɛ bi AWURADE bɛyi n’adɔeɛ adi,

na anadwo mato no dwom

mabɔ me nkwa Nyankopɔn mpaeɛ.

9 Mɛbisa me Nyankopɔn ne me botan no, sɛ:

Adɛn nti na wo werɛ afiri me?

Adɛn nti na ɔtamfoɔ hyɛ a ɔhyɛ me soɔ nti

memfa awerɛhoɔ mennanteɛ?

10 Ahohora a m’ahohiahiafoɔ bɔ me no

yɛ me sɛ me nnompe redwerɛ,

sɛ daa wɔbisa me sɛ:

Wo Nyankopɔn wɔ he?

11 Me kra, adɛn na woaboto sɛɛ,

na wosi apini wɔ me mu?

Fa w’ani to Nyankopɔn so, na mɛda so mayi no ayɛ,

sɛ ɔyɛ m’anim boafoɔ ne me Nyankopɔn.