Nnwom 52

Amimfoɔ awieeɛ

Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Dawid nnweneho dwom. Ɔtoe berɛ a Edomni Doeg bɛka kyerɛɛ Saulo sɛ Dawid aba Ahimelek fie no.

1 Ɔkatakyie, adɛn na wohoahoa wo ho bɔne ho?

Nyankopɔn adɔeɛ wɔ hɔ

daa nyinaa.

2 Nkontomponi, wo tɛkyerɛma dwene mmusubɔ ho

te sɛ yiwan a ano yɛ tahwetahweɛ.

3 Wopɛ bɔne sene papa,

wopɛ atorɔ sene sɛ wobɛka deɛ ɛtene.

4 Nkɔnkɔnsa tɛkyerɛma,

wopɛ amammɔsɛm ara nko.

5 Onyankopɔn nso bɛbɔ wo ahwe fam koraa,

ɔbɛyi wo hɔ atu wo afiri wo tenabea,

na watutu w’ase afiri ateasefoɔ asase so.

6 Teneneefoɔ nso bɛhunu asuro,

na wɔasere no sɛ:

7 Hwɛ, onipa a wamfa

Onyankopɔn anyɛ ne dwanekɔbea,

na ɔde ne ho too n’ahodeɛ bebree no soɔ,

na ɔhyɛɛ ne ho den, n’anibereɛ mu, no nie.

8 Na me deɛ, mete sɛ ngodua frɔmfrɔm,

Nyankopɔn fie,

mede me ho meto Nyankopɔn adom so

daa daa.

9 Mɛyi wo ayɛ daa,

sɛ wo na woyɛeɛ,

na mɛtwɛn wo din, ɛfiri sɛ ɛyɛ,

w’ahotefoɔ anim.