Nyankopɔn ho anigyina
Dawid dwom. Ɔwɔ Yuda serɛ soɔ no, na ɔtoeɛ.
1 Onyankopɔn, wone me Nyankopɔn,
mehwehwɛ wo anɔpahema,
wo ho sukɔm de me kra,
me honam ahodwo repɛ wo hɔ biribi,
asase pɛsɛɛ a nsuo nni soɔ ma no tɔ piti wɔ so.
2 Saa na mehwɛɛ woɔ wɔ kronkronbea hɔ,
sɛ mɛhunu wo tumi ne w’animuonyam.
3 Na w’adɔeɛ yɛ sene nkwa,
mede m’ano bɛyi wo ayɛ.
4 Saa na mete aseɛ yi mɛhyira woɔ,
wo din mu na mɛma me nsa soɔ.
5 Ɛbɛmee me kra sɛ ekyim ne sradeɛ,
na mede ahosan mu anoteɛ bɛyi wo ayɛ.
6 Sɛ mekae wo me kɛtɛ so a,
medi wo ho dadwene adasuo mu.
7 Na woayɛ me boafoɔ,
na wo ntaban ase nwunu mu na medi ahurisie.
8 Me kra bata wo ho di w’akyi,
wo nsa nifa sɔ me mu.
9 Na wɔn a wɔpɛ me kra asɛe no no
bɛsiane akɔ asase ase tɔnn.
10 Wɔde wɔn bɛto afena ano,
wɔbɛyɛ sakraman deɛ.
11 Na ɔhene deɛ, n’ani bɛgye Nyankopɔn ho,
obiara a ɔka ne ntam no de bɛhyehyɛ ne ho,
na wɔbɛmua wɔn a wɔdi atorɔ ano.