Nnwom 76

Nkonimdie ne Nyankopɔn ayeyie dwom

Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ sɛ wɔmfa asankuo nto. Asaf dwom.

1 Yuda mu na wɔahunu Onyankopɔn,

ne din so Israel mu.

2 Ne sese si Salem,

na ne tenabea wɔ Sion.

3 Ɛhɔ na ɔbubuu tadua mu mmɛmma,

ɔkyɛm ne nkrantɛ ne ɔsa.

4 W’anim yɛ nyam,

na ɛhran sene asadeɛ mmepɔ no.

5 Wɔasɛe abrane akokoɔdurufoɔ no,

wɔatɔ nko da wɔn nna,

na ahoɔdenfoɔ no mu biara anhunu ne nsa.

6 Yakob Nyankopɔn, w’ateatea nti

na nteaseɛnam ne apɔnkɔ nyinaa adeda nnahɔɔ.

7 Wo na wo ho yɛ hu,

na sɛ wo bo refu a,

hwan na ɔbɛtumi agyina w’anim?

8 Wofiri soro maa wɔtee atemmuo,

asase suroe na ɛtɛm dinn,

9 berɛ a Onyankopɔn sɔre bɛbuu atɛn,

sɛ ɔbɛgye wɔn a wɔdwoɔ asase soɔ nyinaa no.

10 Na nnipa abufuhyeɛ dane wo ayeyie,

wode abufuhyeɛ a ɛboro soɔ bɔ abɔsoɔ.

11 Monhyɛ AWURADE, mo Nyankopɔn, bɔ, na momfa mma no.

Ma wɔn a wɔatwa ne ho ahyia nyinaa

mfa ayɛyɛdeɛ mmrɛ deɛ ne ho yɛ hu no.

12 Ɔhu atumfoɔ home gu,

ne ho yɛ asase so ahemfo hu.