Nnwom 79

AWURADE gye wo man

Asaf dwom.

1 Onyankopɔn, amanaman aba w’agyapadeɛ mu,

wɔagu w’asɔrefie kronkron ho fi,

wɔama Yerusalem ayɛ agoago.

2 Wɔde wo nkoa amu

ama ewiem nnomaa adi,

wɔde w’ahotefoɔ nam ama asase so mmoa.

3 Wɔahwie wɔn mogya agu sɛ nsuo

de atwa Yerusalem ho ahyia,

na deɛ ɔsie wɔn nni hɔ.

4 Yɛayɛ ahohora ama wɔn a wɔtete yɛn ho,

fɛdie ne ahiyie ama wɔn a wɔatwa yɛn ho ahyia.

5 Ɛnkɔsi da bɛn, AWURADE, na wo bo bɛfu daa,

na wo ninkuntwe adɛre sɛ ogya?

6 Hwie w’abufuo gu amanaman

a wɔnni woɔ

ne ahennie

a wɔmmɔ wo din no so,

7 na wɔamene Yakob,

na wɔahye ne tenabea ase.

8 Nkae akanefoɔ amumuyɛ mfa ngu yɛn so,

yɛ ntɛm ma w’ayamhyehyeɛ mmɛhyia yɛn,

na wɔabrɛ yɛn ase fɔmm.

9 Di boa yɛn, yɛn nkwagyeɛ Nyankopɔn,

wo din animuonyam nti na yi yɛn,

na wo din nti kata yɛn bɔne so.

10 Adɛn nti na amanaman nka sɛ:

Wɔn Nyankopɔn wɔ he?

Ma wɔnhunu amanaman mu, yɛn anim,

sɛ wotɔ wo nkoa mogya a wɔka guiɛ no so were.

11 Ma ɔpokyerɛni apinisie nnuru w’anim,

sɛ wo nsa kɛseyɛ teɛ no, kora owuo mma.

12 Na ahohora a wɔn a wɔtete yɛn ho de abɔ wo, AWURADE, no,

dane no mprɛnson gu wɔn kokom.

13 Na yɛn a yɛyɛ wo man ne w’adidibea nnwan no,

yɛbɛda wo ase daa,

yɛbɛka w’ayeyie akyerɛ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa.