Momma yɛnsɔre AWURADE
1 Mommra mma yɛnto anigyeɛ dwom mma AWURADE,
momma yɛmmɔ ose mma yɛn nkwagyeɛ botan.
2 Momma yɛmfa aseda mmra n’anim,
na yɛmfa nnwom nni ahurisie mma no.
3 Na AWURADE yɛ Onyankopɔn kɛseɛ
ne ɔhenkɛseɛ, anyame nyinaa so.
4 Ne nsam na asase mu ahuntadeɛ wɔ,
na mmepɔ so srɔnsrɔn nso wɔ no.
5 Ɔno na ɛpo wɔ no, na ɔno na ɔyɛeɛ,
na asase pɛsɛɛ nso, ne nsa na ɛnwonoeɛ.
6 Mommra mma yɛmmutu nkoto nsɔre
AWURADE, yɛn yɛfoɔ anim.
7 Na ɔno ne yɛn Nyankopɔn,
na yɛn deɛ, yɛyɛ n’adidibea nkurɔfoɔ
ne ne nsam nnwan.
Ɛnnɛ mote ne nne no ɛ!
8 Monnyɛ mo akoma denden sɛ Meriba,
sɛ Masa da no, ɛserɛ so hɔ,
9 berɛ a mo agyanom gyegyee m’ano,
na wɔsɔɔ me hwɛeɛ no, nanso na wɔanya me nnwuma nhunui.
10 Mfeɛ aduanan na awoɔ ntoatoasoɔ no ho yɛɛ me ahi,
na mekaa sɛ: Ɔman a wɔfom akoma mu ne wɔn.
Na wɔn deɛ, wɔanhunu m’akwan.
11 Na ɛmaa mekaa m’abufuo mu ntam,
sɛ wɔrennuru me home mu.