Onyankopɔn kronkron ho ayeyie
1 AWURADE di hene, aman ho popo;
ɔte Kerubim so, asase him.
2 AWURADE yɛ kɛseɛ wɔ Sion,
na wɔama no so aman nyinaa so.
3 Wɔbɛyi ne din kɛseɛ a ɛho yɛ hu no ayɛ,
ɔno na ɔyɛ kronkron.
4 Ɔhene tumfoɔ a wodɔ atemmuo,
wo na wobu atɛntenenee,
Yakob mu atemmuo ne tenenee,
wo na wobuo.
5 Momma AWURADE yɛn Nyankopɔn so,
na monkoto nsɔre ne nan ase adwa anim.
Ɔno na ɔyɛ kronkron.
6 Mose ne Aaron wɔ n’asɔfoɔ mu,
na Samuel wɔ wɔn a wɔbɔ ne din mu,
wɔfrɛɛ AWURADE, na ɔgyee wɔn so.
7 Ɔkasa kyerɛɛ wɔn mununkum dum mu,
wɔdii n’adansesɛm ne ahyɛdeɛ
a ɔde maa wɔn no so.
8 AWURADE, yɛn Nyankopɔn, wo na wogyee wɔn soɔ,
woyɛɛ wɔn Onyankopɔn a ɔde kyɛ,
ne wɔn nneyɛɛ so weretɔfoɔ.
9 Momma AWURADE, yɛn Nyankopɔn, so,
na monkoto nsɔre wɔ ne bepɔ kronkron so,
na AWURADE, yɛn Nyankopɔn, ne kronkron.