Nyansa 18

Kanea hyerɛn wɔ Israelfoɔ no so

1 Nanso w’akronkronfoɔ no deɛ na kanea kɛseɛ hyerɛn wɔ wɔn so.

Wɔn atamfoɔ tee wɔn nne deɛ nanso wɔanhunu wɔn tebea,

na wɔhunuu wɔn sɛ ahotɔfoɔ a wɔnhyiaa amanehunu,

2 na wɔdaa ase sɛ, ɛwɔ mu sɛ akane no wɔfomm w’akronkronfoɔ deɛ, nanso wɔmpiraa wɔn;

na wɔsrɛɛ fakyɛ sɛ wɔne wɔn ntam ntotoeɛ.

3 Saa nti womaa ogya dum a ɛredɛre

sɛ ɛnyɛ wo nkurɔfoɔ kwankyerɛfoɔ wɔ akwantuo a wɔnnim mu no,

ne awia a ano nyɛ den wɔ wɔn akwantuo kɛseɛ no mu.

4 Na wɔn atamfoɔ no deɛ, na wɔfata sɛ wɔnnya kanea na wɔde wɔn hyɛ esum mu sɛ nneduafoɔ,

wɔn na wɔde wo mma yɛɛ nneduafoɔ,

wɔn a ɛnam wɔn so na hann mmara a ɛmporɔ no wɔde bɛma wiase.

Misraimfoɔ Mmakan Wuo

5 Ɛberɛ a wɔbɔɔ pɔ sɛ wɔbɛkunkum w’akronkronfoɔ mmɔtafowa no,

na wɔyii abɔfra baako to tweneeɛ na wɔgyee no nkwa,

na wonam asotwe so kunkumm wɔn mmɔfra pii;

na wonam nsuyire kɛseɛ so sɛee wɔn nyinaa.

6 Wɔyii saa anadwo yi kyerɛɛ yɛn nananom ɛberɛ bi a atwa mu,

sɛdeɛ ɛbɛyɛ na wɔn ani bɛgye ntam a wɔwɔ ho nimdeɛ yie na wɔde wɔn ho ato soɔ no.

7 Ɔgyeɛ a wɔde gyee ateneneefoɔ ne sɛe a wɔsɛee wɔn atamfoɔ

no yɛ adeɛ a na wo nkurɔfoɔ hwɛ anim kwan.

8 Ɛfiri sɛ ɔkwan korɔ a wofaa so teaa yɛn atamfoɔ no

wofaa so frɛɛ yɛn baa wo nkyɛn na wohyɛɛ yɛn animuonyam.

9 Na nnipa papa mma akronkronfoɔ no nam huntae bɔɔ afɔdeɛ,

na wɔde ano korɔ penee Onyankopɔn mmara no so,

sɛdeɛ ɛbɛyɛ na ahotefoɔ nyinaa bɛkyɛ nnoɔma korɔ no pɛpɛɛpɛ,

nhyira ne mmusuo nyinaa;

na wɔahyɛ aseɛ mpo dada sɛ wɔreto agyanom ayeyie.

10 Na nnyegyeeɛ a na ɛfiri wɔn atamfoɔ su no san akyire,

na wɔn ayamhyehyeɛ adwotwa wɔ wɔn ma ho no gyegyee kɔɔ mmeammea.

11 Ntea a wɔde teaa akoa no ara bi na wɔde teaa owura nso,

na onipa hunu ne ɔhene bɛhunu amaneɛ pɛ;

12 na wɔn nyinaa wuu owuo korɔ no ara bi,

na afunu no yɛɛ bebree a wɔntumi nkan wɔn.

Na ateasefoɔ no sua koraa sɛ wɔbɛtumi asie wɔn,

ɛsiane sɛ prɛko pɛ na wɔn mma a wɔsom boɔ ma wɔn no, wɔsɛee wɔn.

13 Na sɛ mpo ɛnam wɔn nkonyaayie so nti wɔannye biribiara mpo anni a,

berɛ a wɔsɛe wɔn mmakan no deɛ, wɔgye tomm sɛ wo nkurɔfoɔ no yɛ Onyankopɔn ba.

14 Na ɛberɛ a dinnyɛ bɔkɔɔ kataa nnoɔma nyinaa soɔ no,

na anadwo aduru ne mpaemu no wɔ ntɛm so,

15 wo tumi kɛseɛ asɛm no huri firii soro, ɛfiri adehyeɛ adwa no anim,

baa asase a wɔadome no no mfimfini,

ɔkofoɔ aniberefoɔ

16 a ɔkura wo nokorɛ ahyɛdeɛ a ɛyɛ nkrantɛ nnamnnam no,

ɔgyinaeɛ na ɔde owuo bɛhyɛɛ nnoɔma nyinaa mu ma,

ɔsɔɔ ɔsoro mu wɔ berɛ a na ɔda so gyina asase so.

17 Ntɛm ara na yikyerɛ a ɛyɛ hu wɔ daeɛso mu bɛhaa wɔn pa ara,

na ehu a wɔnhwɛ anim kwan bɛhyɛɛ wɔn so;

18 na wɔtoo wɔn guu fam a ɔbaako da ha na ɔbaako da nohoa a ayɛ sɛ wɔawuo,

na wɔmaa wɔhunuu deɛ nti a wɔrewuwuo;

19 na adaeɛso a ɛhaa wɔn no, dii kan bɔɔ wɔn kɔkɔ wɔ yei ho,

sɛdeɛ ɛbɛyɛ na wɔnyera wɔ mmerɛ ko a wɔnnim deɛ nti a wɔrehunu amaneɛ.

20 Ateneneefoɔ no nso hunuu owuo no ho bi,

na yaredɔm baa ɛdɔm no so wɔ anwea pradada no so,

nanso abufuo no ankɔ so ara ankyɛ.

21 Ɛfiri sɛ onipa a mfomsoɔ nni ne ho yɛɛ ntɛm gyinaa sɛ wɔn dɔmmarima;

ɔno na ɔde ne som mu akokyɛm,

ne mpaebɔ ne mpata aduhwam pue baeɛ,

ɔno na ɔgyinaa abufuo no ano na ɔmaa atoyerɛnkyɛm no to twaeɛ,

de kyerɛɛ sɛ ɔyɛ w’akoa.

22 Ɔdii abufuo no so nkonim, ɛnyɛ deɛ ɔde honam mu ahoɔden,

anaasɛ wɔ akodeɛ tumi so,

na mmom n’asɛm a ɔkaeɛ no dii ɔweretɔfoɔ no so nkonim,

na ɔtwee adwene gyinaa ntam ne apam a wɔde maa yɛn agyanom no so.

23 Na ɛberɛ a awufoɔ no awuwu dada a wɔaboaboa wɔn ho ano agugu wɔn ho soɔ no,

ɔgyinaa ntam so siankaa abufuo no,

na ɔsii ne kwan wɔ ateasefoɔ no ho.

24 Na wɔ n’atadeɛ tentene ano na wɔanwene wiase nyinaa wɔ mu,

na agyanom animuonyam no wɔatwerɛ no wɔ aboɔ ntoatoasoɔ nan so,

na w’ahennie tumi no wɔ abotire a ɛbɔ ne tiri no so.

25 Yeinom na ɛmaa ɔsɛefoɔ no twe saneeɛ, yeinom na ɔsuroeɛ;

ɛfiri sɛ sɔ ara mpo a wɔbɛsɔ abufuo no ahwɛ no dɔɔso.