Sirak 39

1 Ɔhwehwɛ ahunu tetefoɔ no nyinaa nyansa akyiri kwan,

na nkɔmhyɛ ahodoɔ no ho hia no,

2 ɔkora nsɛm a nnipa a wɔagye din no aka ato hɔ no so,

na ɔhwehwɛ mmebuo ahuntasɛm mu;

3 ɔhwehwɛ mmebuo nkyerɛaseɛ a ahunta no mu,

na ɔnya nteaseɛ wɔ mmebuo a ɛmmu nna hɔ pefee no mu.

4 Ɔne nnipa akɛsefoɔ na ɛbom som

na ɔgyina ahemfo anim;

ɔtu akwan kokɔ ananafoɔ aman so

na ɔsua deɛ ɛyɛ papa ne deɛ ɛyɛ bɔne wɔ nnipa mu.

5 Ɔde hyɛ n’akoma mu sɛ ɔbɛsɔre ntɛm

akɔhwehwɛ Awurade a ɔbɔɔ no no,

na wakoto asrɛ Ɔsorosoroni no;

ɔbue n’ano bɔ mpaeɛ

na wasrɛ ne bɔne ho fakyɛ.

6 Sɛ ɛyɛ Awurade kɛseɛ no pɛ a,

nteaseɛ honhom bɛhyɛ no ma;

ɔbɛka nyansa nsɛm a ɛyɛ ɔno ara ankasa dea

na ɔde aseda ama Awurade wɔ mpaebɔ mu.

7 Awurade bɛtoto n’adwene nsusuiɛ ne ne nimdeɛ,

ɛberɛ a ɔredwennwene n’ahuntasɛm ho no.

8 Ɔbɛyi nyansa a wasua no akyerɛ,

na ɔbɛhoahoa ne ho wɔ Awurade apam ho mmara no ho.

9 Nnipa bebree bɛkamfo ne nteaseɛ no,

wɔrempepa no da biara da.

Ne ho nkaeɛ renyera

na ne din bɛtena hɔ wɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.

10 Aman bɛka ne nyansa,

na nhyiamufoɔ bɛka n’ayeyie akyerɛ.

11 Sɛ ɔtena ase kyɛre a, ɔbɛgya edin a ɛbɛso asene apem,

na sɛ ɔkɔgye n’ahome a, ɛdɔɔso ma no.

Ayeyie dwom a wɔde ma Onyankopɔn

12 Mewɔ nsɛm bebree wɔ m’adwene mu a mɛka;

mayɛ ma te sɛ bosome mua.

13 Me mma nokwafoɔ, montie me mongu nhyerɛne

sɛ rose nhwiren a ɛrenyini wɔ asutene ho.

14 Ne hwa tu te sɛ aduhwam,

na ɛngu nhwiren sɛ sukooko nhwiren.

Pete ehwa no, na to ayeyie dwom;

hyira Awurade wɔ ne nnwuma nyinaa ho.

15 Fa animuonyam ma ne din no

na fa ayeyie so da no ase,

nnwom a ɛdeda w’ano ne deɛ ɛwɔ mmɛnta so;

na yei na ɛsɛ sɛ woka no aseda mu:

16 Awurade nnwuma nyinaa yɛ papaapa,

na biribiara a wahyɛ no bɛyɛ hɔ wɔ ne berɛ mu.

17 Obiara ntumi nka sɛ: Ɛdeɛn ni? Anaasɛ: Ɛdeɛn ntira?

Ɛfiri sɛ berɛ a ɛsɛ mu no, saa nsɛmmisa no nyinaa wɔbɛyi ano.

N’asɛm so na nsuo boaa ano gyinaa kuo,

na n’anom asɛm so na nsuo bebree baeɛ.

18 Ɛberɛ a ɔhyɛ no, ne botaeɛ nyinaa ba mu,

na obiara rentumi nsi ne nkwagyeɛ tumi no kwan.

19 Nnipa nyinaa nnwuma da n’anim,

na biribiara rentumi nhunta wɔ n’anim.

20 Ɛfiri mmerɛ santen kɔsi mmerɛ santen, ɔtumi hunu biribiara,

na biribiara nyɛ no nwanwa.

21 Obiara ntumi nka sɛ: Ɛdeɛn ni? Anaasɛ: Ɛdeɛn ntira?

Ɛfiri sɛ wɔabɔ biribiara ama ne botaeɛ nti.

22 Ne nhyira kata asase pɛsɛɛ so sɛ nsuo,

na ɛtaa hɔ sɛ nsuyire.

23 Na mmom n’abufuhyeɛ pam amanaman,

sɛ ɛberɛ a ɔyɛɛ asase a wadane no nsuo no nkyene.

24 N’akwan tene ma agyidifoɔ,

nanso amumuyɛfoɔ deɛ ayɛ wɔn sɛ asiane.

25 Ɛfiri ahyɛaseɛ no na wɔyɛɛ nnoɔma pa maa wɔn a wɔyɛ papa,

na mmom adebɔneyɛfoɔ deɛ, wɔyɛɛ nnoɔma a ɛnyɛ maa wɔn.

26 Nnoɔma atitire a ɛho hia wɔ nnipa asetena mu yɛ

nsuo, egya, dadeɛ, nkyene,

esiam, nufosuo, ɛwoɔ,

bobe aba mu mogya, ngo ne ntadeɛ.

27 Yeinom nyinaa yɛ ma nyamesurofoɔ,

nanso adebɔneyɛfoɔ de wɔn ho bɛma bɔne.

28 Mframa bi wɔ hɔ a wɔabɔ ama aweretɔ,

na sɛ wɔn bo fu a ɛtutu mmepɔ;

na sɛ atemmuo da no duru a, wɔbɛhwie w’ahoɔden agu

na wɔadwodwo wɔn Bɔfoɔ no abufuo ano.

29 Ogya, ɔsoro aboɔ, ɔkɔm ne yaredɔm,

yeinom nyinaa wɔabɔ wɔn ama aweretɔ;

30 wiram mmoa se, nyanyankyerɛ ne nhuritia,

na afena a wɔde twe wɔn a wɔnni nyamesuro no aso wɔ ɔsɛeɛ mu no.

31 Wɔn ani gye sɛ wɔreyɛ n’apɛdeɛ,

na wɔayɛ krado sɛ daa wɔbɛyɛ ne som ho adwuma wɔ asase so;

na sɛ wɔn berɛ so a, wɔrenyɛ asoɔden wɔ ne mmara nsɛm ho bio.

32 Saa nti ɛfiri ahyɛaseɛ na mapene yeinom nyinaa so

na madwene ho na matwerɛ ato hɔ:

33 Awurade nnwuma nyinaa yɛ papa,

na ɔde obiara n’ahiadeɛ bɛma no wɔ ne berɛ mu.

34 Obiara ntumi nka sɛ: Yei nyɛ papa te sɛ ɛno,

na biribiara kyerɛ ne yɛ a ɛyɛ no wɔ ne berɛ mu.

35 Enti afei fa w’akoma ne wo nne nyinaa to ayeyie dwom,

na hyira Awurade din no.