Filistifoɔ asase ho atemmusɛm
1 AWURADE asɛm a ɛbaa Odiyifoɔ Yeremia nkyɛn Filistifoɔ ho, ansa na Farao reba abɛkunkum Gasa nie:
2 Sɛ AWURADE seɛ nie:
Hwɛ, nsuo rema ne ho so afiri atifi fam
na ayɛ asuo a ɛreyiri
asram asase ne ne mayɛ,
kuro no ne wɔn a wɔte mu no soɔ.
Na nnipa bɛteateam,
na asase no sofoɔ abɔ abubuo,
3 wɔn apɔnkɔ akunini ntɔte a ɛsisi fam tim tim no kitikitiyɛ
ne wɔn nteaseɛnam a ɛyɛ twɛtwɛrɛdɛdɛ ne ne nan huuyɛ nti,
agyanom nnane wɔn ani nhwɛ wɔn mma,
wɔn nsa mu goɔ no nti,
4 ɛda a ɛreba abɛsɛe
Filistifoɔ nyinaa
atwitwa Tiro ne Sidon
aboafoɔ a aka no nyinaa nti,
na AWURADE rebɛsɛe Filistifoɔ,
Kaftor supɔ mu nkaeɛ no.
5 Atipa aba Gasa so,
Askelon ne wɔn
bonhwa mu nkaeɛ asɛe pasaa.
Wobɛbɔ wo ho akam akɔsi da bɛn?
6 Ao, AWURADE afena,
ɛnkɔsi da bɛn ansa na woayɛ komm?
Sane kɔhyɛ wo boha mu,
home na yɛ dinn ɛ!
7 Ɛbɛyɛ dɛn na ayɛ komm,
berɛ a AWURADE ahyɛ no yi?
Askelon ne mpoano hɔ
na wahyɛ sɛ ɛmmra.