Yesaia 12

Nkwagyeɛ so aseda dwom

1 Ɛda no na wobɛka sɛ:

Meda wo ase, Ao AWURADE,

sɛ wo bo fuu me mpo a,

w’abufuo no asane,

na woakyekyere me werɛ.

2 Hwɛ, Nyankopɔn ne me nkwagyeɛ nie.

Mɛtwere, na mensuro,

na Awurade NYANKOPƆN ne m’ahoɔden ne me dwom,

na wabɛyɛ me nkwagyeɛ.

3 Na mode anigyeɛ bɛsa nsuo afiri nkwagyeɛ nsubura no mu.

4 Na da no mobɛka sɛ:

Monna AWURADE ase;

mommɔ ne din.

Momma wɔnhunu ne nneyɛɛ, aman mu.

Monka sɛ wɔama ne din so!

5 Monto ayeyie dwom mma AWURADE, na wayɛ adeɛ akɛseɛ;

momma wɔnhunu yei asase nyinaa so.

6 Momma mo nne so nto dwom anigyeɛ so, mo a motete Sion,

na Israel Kronkronni a ɔwɔ wo mu no so.