Yesaia 16

Moab ho atemmusɛm

1 Momfa nnwammaa

mfiri Sela mfa anwea pradada so fam

nkɔ Sion babaa bepɔ no so

nkɔma asase no sodifoɔ no.

2 Na Moab mmammaa

bɛyɛ sɛ nnomaa a wɔtu kyini,

pirebuo a wɔayi no

Arnon asutwareeɛ.

3 Tu fo,

bu atɛn;

ma wo nwunu nyɛ sɛ anadwo,

awia ketee;

fa wɔn a wɔapam wɔn hunta,

nyi adwanefoɔ mma;

4 ma wɔn a wɔapam wɔn afiri Moab no

nsoɛ wo nkyɛn,

yɛ wɔn huntabea,

ɔsɛefoɔ no anim!

na ɔpoobɔfoɔ agyae,

ɔsɛeɛ to atwa,

nhyɛsofoɔ asa asase no so.

5 Na wɔbɛma adwa bi atim, adɔeɛyɛ so,

na obi atena so, nokorɛ mu,

wɔ Dawid ntomadan no mu,

deɛ ɔbu atɛn na ɔpɛ atɛntenenee,

na ɔyɛ adetenenee ntɛm.

6 Yɛate Moab ahomasoɔ a wayɛ dodoɔ,

n’ahantan ne

n’ahokyerɛ ne n’aniɛden ne

ahoahoasɛm huhuo no.

7 Enti ma Moab ntwa adwo,

ma wɔn nyinaa ntwa Moab ho adwo,

Kir-Hareset bobe aba taterɛ ho na

mobɛtwa adwo koraa.

8 Na Hesbon mfuo ahye;

Sibma bobe no,

amanaman wuranom

abubu ne mman koraa;

ɛkɔduruu Yaser,

na ɛkyinii serɛ so.

Ne mman trɛtrɛe,

ma ɛkɔtwaa po.

9 Enti mede Yaser su mesu

Sibma bobe no,

mede nisuo gu wo so,

O Hesbon ne Eleale;

na wo nnuabateɛ ne wo bobe

abateɛ so na ɔko nteateam aba;

10 na wɔayi anigyeɛ ne ahosɛpɛ

afiri mfuo papa mu,

na wɔnte ahurisie dwom

anaa nteateam wɔ bobe nturo mu,

nsakyifoɔ nkyi nsa-kyi-amena mu nsa,

atiatiafoɔ dwom nso, matwa so.

11 Enti me kra si apini wɔ Moab ho,

me yam nso hyehye me Kir-Heres ho.

12 Na sɛ Moab yi ne ho adi ba bɛsu, na ɔbrɛ ne ho wɔ sorɔnsorɔnbea hɔ, na ɔhyɛne ne kronkronbea bɛbɔ mpaeɛ a, ɔrentumi nyɛ hwee.

13 Yei ne asɛm a AWURADE aka atia Moab dadaada no;

14 na afei AWURADE rekasa sɛ: Ɛha mfeɛ mmiɛnsa a ɛte sɛ ɔpaani mfeɛ no, Moab animuonyam bɛyera, ɛmfa ho sɛ ɔwɔ dɔm kɛseɛ; na nkaeɛ no bɛyɛ kakraa bi a wɔnyɛ den.