Yesaia 32

Ɔman no ahotɔ

1 Hwɛ, tenenee mu na ɔhene bi bɛdi hene,

na asafohene nso, atemmuo mu na wɔbɛdi asafohene;

2 na wɔn mu biara bɛyɛ sɛ mframa ano huntabea

ne osuo ano dwanekɔbea,

sɛ nkyɛkyerɛ so nsuwansuwa,

sɛ asase a akyen so botan kɛseɛ nwunu.

3 Na wɔremfira adehunufoɔ ani,

na wɔn a wɔte asɛm aso bɛbue;

4 na wɔn a wɔn akoma pere wɔn no bɛyɛ nhunumufoɔ

na dodoworofoɔ tɛkyerɛma akasa turodoo a emu teɛ.

5 Wɔremfrɛ ogyegyentwie sɛ bapɔmma bio,

na wɔrenka sɛ ɔdaadaafoɔ yɛ ɔdɛɛfoɔ.

6 Na ogyegyentwie ka agyegyentwisɛm

na ɔdwene amumuyɛsɛm,

sɛ ɔbɛdi ahuhusɛm

na waka AWURADE ho asɛm a ɛnyɛ,

sɛ ɔbɛma deɛ ɔdi kɔm kra ada mpan,

na wama anonneɛ abɔ deɛ sukɔm de no.

7 Na ɔdaadaafoɔ adeɛ yɛ bɔne,

ɔbɔ ne tirim pɔ bɔne,

sɛ ɔde atorosɛm bɛsɛe mmɔborɔni

ne ohiani sɛ ɔka nokorɛ mpo a.

8 Na ɔdɛɛfoɔ dwene ayamyɛ,

na ayamyɛ ara na ɔde gyina.

Mmaa no adwotwa

9 Mo mmaa a mote hɔ dwoodwoo no, monsɔre ntie me!

Mma mmaa a mo ho dwo mo no, monyɛ aso mma m’asɛm.

10 Afe ne akyire nna bi mu no,

mo a mo ho dwo mo no ho bɛpopo,

na bobe abateɛ to bɛtwa,

nnuaba anoboa remma bio.

11 Mo mmaa a mote hɔ dwoodwoo no, mo ho nwoso,

mo a mo ho dwo mo, mo ho mpopo!

Mompa mo ho, monyɛ kwaterekwa,

momfa ayitoma mmobɔ mo asene.

12 Mommobɔ mo koko wɔ mfuo fɛfɛ no nti,

bobe nnua a ɛso pii no ntira.

13 Nkasɛɛ ne nwerɛ fu

me man asase no so,

aane, anigyeɛ kuro no mu anigyeɛ

adan nyinaa so mpo.

14 Na aban fɛfɛ bo bɛda mpan,

wɔbɛgya kuro a nnipa dɔɔso wɔ mu no,

ne kokoɔ ne ɔwɛn aban

bɛdane atu de akɔsi daa,

ɛserɛ so mfunumu anika

ne mmoakuo adidibea.

15 Ɛde rekɔsi sɛ wɔbɛfiri soro ahwie honhom no agu yɛn soɔ,

na ɛserɛ so adane asasebereɛ a ɛma nnɔbaeɛ,

na wɔabu asasebereɛ a ɛma nnɔbaeɛ no sɛ kwaeɛ;

16 na atemmuo bɛtena ɛserɛ so,

na tenenee nso atena asasebereɛ a ɛma nnɔbaeɛ no mu;

17 na tenenee no nneyɛɛ bɛyɛ asomdwoeɛ,

na tenenee so aba ayɛ kommyɛ ne ahotosoɔ akɔsi daa;

18 na me man bɛtena asomdwoeɛ fie,

ahotɔ tenabea, ne kommyɛ homebea.

19 Na asukɔtweaa bɛgu da a kwaeɛ no bɛhwe fam no,

na wɔbɛbrɛ kuro no aseɛ korakora.

20 Nhyira ne mo a mogu aba, nsuo nyinaa ho,

na moma nantwie ne afunumu kwan ma wɔkyinkyin.