2 Makabee 11

Yuda Makabeus di Lisias so nkonim

1 Yei akyi no, ankyɛre biara na Lisias a ɔyɛ ɔhene hwɛfoɔ ne ne busuani no, ɔno ne deɛ na amammuo hyɛ ne nsa no, ne bu fui ɛsiane deɛ na asie no nti,

2 ɔboaboaa asraafoɔ a wɔnam anammɔn mu bɛyɛ mpem nwɔtwe ne n’apɔnkɔsotefoɔ nyinaa ano de kɔɔ Yudafoɔ no so. Adwene a ɔnyaeɛ ne sɛ ɔbɛma kuro no ayɛ Helafoɔ kuro,

3 na wagye ɛtoɔ wɔ asɔredan no mu sɛdeɛ ɔyɛeɛ wɔ akronkron mmeaeɛ wɔ aman afoforɔ soɔ no, na watɔn ɔsɔfo panin dibea no afe biara.

4 Wammu Onyankopɔn tumi no, na mmom n’ani gyee mmorosoɔ wɔ n’asraafoɔ a wɔnam anammɔn mu mpem nwɔtwe, ne n’apɔnkɔsotefoɔ apem, ne asono aduɔwɔtwe a ɔwɔ no ho.

5 Ɔretua Yudea no, ɔbɛnee Bet-sur, a ɛyɛ beaeɛ a wɔabɔ ho ban na ɛbɛyɛ agoprama bɛyɛ nnum a wɔaka abom firi Yerusalem, na ɔtuaa no dendeenden.

6 Ɛberɛ a Makabeus ne ne mmarima no tee sɛ Lisias retua abandenden no, wɔn ne nkurɔfoɔ no nyinaa, de adwotwa ne nisuo bɔɔ Awurade mpaeɛ sɛ ɔnsoma ɔbɔfoɔ pa ma ɔmmɛgye Israel.

7 Makabeus no ara ankasa ne deɛ ɔdii kan miaeɛ, na ɔhyɛɛ afoforɔ no nkuran sɛ wɔn ne no mfa wɔn nkwa nto hɔ mfa mmoa wɔn nuanom no.

8 Na ɛberɛ a wɔda so wɔ hɔ a wɔbɛn Yerusalem no, ɔpɔnkɔsoteni bi pue firii wɔn anim a ɔhyɛ atadeɛ fitaa na ɔnyinamnyinam sika akodeɛ.

9 Na wɔn nyinaa boom yii mmɔborɔhunu Nyankopɔn no ayɛ, na wɔhyɛɛ wɔn akoma den, wɔyɛɛ krado sɛ ɛnyɛ nnipa nko ara na wɔretua wɔn na mmom mmoa aniɛdenfoɔ ne afasuo a wɔde dadeɛ ayɛ nyinaa.

10 Wɔtu tenee wɔ ɔko nhyehyɛɛ mu, na wɔwɔ wɔn ɔsoro boafoɔ, ɛfiri sɛ Awurade hunuu wɔn mmɔbɔ.

11 Wɔtotoo wɔn ho sɛ agyata guu ɔtamfo no so, na wɔkunkum nnipa mpem dubaako ne apɔnkɔsotefoɔ apem ahansia, na wɔhyɛɛ nkaeɛ maa wɔdwaneeɛ.

12 Wɔn mu bebree de adagya ne apira dwaneeɛ, na Lisias ankasa ne animguaseɛ dwanee.

Lisias ne Yudafoɔ no nya asomdwoeɛ

13 Na ɛsiane sɛ na ɔyɛ ɔbadwemma nti, ɔdwenee nkoguo a na abɛto no no, na ɔhunuu sɛ Hebrifoɔ no yɛ nnipa a wɔntumi nni wɔn soɔ, ɛfiri sɛ Onyankopɔn Tumfoɔ no ko maa wɔn ntira. Enti ɔsoma kɔɔ wɔn nkyɛn

14 na ɔne wɔn kɔkasaa sɛ wɔmma wɔnsiesie biribiara wɔ abodwoeɛ mu, na ɔhyɛɛ bɔ sɛ, ɔne ɔhene bɛkasa, na wahyɛ no ara ama wabɛyɛ wɔn adamfo.

15 Makabeus repɛ biribiara yie nti, ɔpenee deɛ Lisias kaeɛ no nyinaa so. Ɛfiri sɛ ɔhene de biribiara a Makabeus twerɛ de faa Lisias so srɛ maa Yudafoɔ no maeɛ.

16 Krataa a Lisias twerɛ kɔmaa Yudafoɔ no, na emu nsɛm nie:

17 Lisias twerɛ de kɔma Yudafoɔ man, mekyea mo.

18 Mabɔ ɔhene amanneɛ wɔ biribiara a ɛsɛ sɛ mede kɔ n’anim, na wapene biribiara a ɔyɛ a ɛbɛyɛ yie nyinaa so.

19 Sɛ mobɛma mo adɔeɛ a moyɛ ma aban no atena hɔ deɛ a, ɛnneɛ mɛbɔ mmɔden apere ama mo yiedie daakye.

20 Na ɛfa saa nsɛm yi ne deɛ ɛwɔ mu no nyinaa no, mahyɛ saa nnipa yi ne wɔn a wɔsi me ananmu sɛ wɔne mo nnwenwene ho.

21 Makra mo. Dioskorintius a ɔtɔ so aduonu nnan, afe a ɛtɔ so ɔha aduanan nwɔtwe mu.

22 Ɔhene krataa no ka sɛ:

Ɔhene Antiokus twerɛ de kɔma ne nua Lisias, mekyea wo.

23 Afei a yɛn agya ati nananom abosom yi, yɛmpɛ sɛ ahemman no mu nnipa bɛteetee wɔ wɔn nsɛm ntotoeɛ ho.

24 Yɛate sɛ Yudafoɔ no mpene yɛn agya nsesaeɛ a ɔpɛɛ sɛ ɔsesa wɔn kɔ Helafoɔ amanneɛ mu no so, na mmom wɔpɛ wɔn ara ankasa wɔn amanneɛ kwan a wɔde tena aseɛ, na wɔsrɛ wɔmma wɔn kwan saa.

25 Saa ara nti, ɛsiane sɛ yɛpɛ sɛ ɔman yi nso nya ahotɔ nti, yɛafa adwene sɛ, yɛde wɔn asɔredan no bɛsan ama wɔn na wɔatena sɛdeɛ wɔn nananom amanneɛ teɛ no.

26 Yei nti, ɛbɛyɛ ama wo sɛ wobɛsoma akɔka akyerɛ wɔn na fa ayɔnkofa anohoba ma wɔn, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛhu yɛn nhyehyɛɛ na wɔn ani agye, na wɔn akoma atɔ wɔn yam sɛdeɛ wɔn ara bɛbɔ wɔn bra.

27 Nsɛm a krataa a ɔhene de kɔmaa ɔman no seɛ nie:

Ɔhene Antiokus twerɛ de kɔma Yudafoɔ mmarahyɛbadwa ne Yudafoɔ nkaeɛ no, mekyea mo.

28 Sɛ mo ho yɛ a, na deɛ yɛrehwehwɛ ara ne no. Yɛn nso yɛn ho yɛ.

29 Menelaus abɔ yɛn amanneɛ sɛ, mopɛ sɛ mosan kɔ mo nkyi na mokɔbɔ mo ara mo bra.

30 Saa nti wɔn a wɔbɛkɔ fie wɔ Kantikus afe a ɛtɔ so dummiɛnsa mu no, wɔbɛyɛ yɛn ayɔnkofa na akwanma ho bɔhyɛ

31 sɛdeɛ ɛbɛyɛ na Yudafoɔ bɛdi wɔn ara wɔn aduane ne wɔn mmara so, sɛdeɛ na ɛteɛ kane no, na wɔn mu biara nni hɔ a wɔbɛha no wɔ ɔkwan biara so wɔ biribiara a wɔmmoapa fom yɛeɛ no.

32 Na masoma Menelaus nso sɛ ɔmmɛhyɛ mo nkuran.

33 Yɛakra mo. Kantikus a ɔtɔ so dunum, afe a ɛtɔ so ɔha aduanan nwɔtwe.

34 Romafoɔ no nso soma de krataa kɔeɛ a emu nsɛm ka sɛ:

Kuintus Memmius ne Titus Manius a wɔyɛ Romafoɔ abɔfoɔ no twerɛ de kɔma Yudafoɔ man no, yɛkyea mo.

35 Na ɛfa deɛ Lisias a ɔyɛ ɔhene busuani no de ama wo no, yɛn nso yɛfoa so.

36 Nanso ɛfa nsɛm a ɔsii agyinaeɛ no, wɔde bɛkɔ akɔto ɔhene anim, ɛberɛ a wobɛdwene ho awie ara pɛ, tu obi na ɔmmra ntɛm ara sɛdeɛ ɛbɛyɛ na yɛbɛtumi asusu deɛ ɛfata ama wo. Ɛfiri sɛ yɛnam kwan so rekɔ Antiokia.

37 Saa nti yɛ no ntɛm soma abɔfoɔ na wɔmfa w’atemmuo mmrɛ wo.

38 Yɛakra mo. Kantikus a ɔtɔ so dunum, afe a ɛtɔ so ɔha aduanan nwɔtwe.