Nyankopɔn suro mu nhyira
1 Monyi AWURADE ayɛ!
Nhyira ne onipa a ɔsuro AWURADE,
na ɔnya ne mmara ho anika pii.
2 N’asefoɔ bɛyɛ kɛseɛ asase so,
wɔhyira teneneefoɔ awoɔ ntoatoasoɔ.
3 Adeɛ ne ahonya wɔ ne fie,
na ne tenenee wɔ hɔ daa.
4 Hann pue sum mu ma nnipa tenenee,
ɔne ɔdomfoɔ, mmɔborɔhunufoɔ ne ɔteneneeni.
5 Onipa a ɔyɛ adom na ɔde fɛm, ɛsi no yie,
ɔbɛwie ne nsɛm di, atemmuo mu.
6 Na ɔrenhinhim da biara da,
ɔteneneeni bɛyɛ daa nkaeɛ.
7 Akwanmusɛmmɔne renyi no hu,
n’akoma si hɔ pintinn da AWURADE so.
8 N’akoma atim, ɔrensuro
kɔsi sɛ ɔbɛhunu deɛ ɔpɛ, n’ahohiahiafoɔ soɔ.
9 Ɔto pete, ɔyɛ ahiafoɔ yie;
ne tenenee wɔ hɔ daa,
wɔbɛma n’abɛn so, animuonyam mu.
10 Ɔbɔnefoɔ bɛhunu ama no ayɛ no ahi,
ɔbɛtwɛre ne se na wahodwo,
abɔnefoɔ adeɛ a wɔpɛ bɛyera.