Nnwom 102

Abooboo ne anidasoɔ

Mmɔborɔni a ne home te no a ɔyi n’abooboo gu AWURADE anim no mpaebɔ.

1 Ao, AWURADE, tie me mpaebɔ,

na ma me sufrɛ nnuru w’anim.

2 Nyi w’anim nhunta me,

da a me ho hia me no,

brɛ w’aso ase ma me,

da a mesu mefrɛ no, yɛ ntɛm gye me so.

3 Na me nna hi sɛ wisie,

na me nnompe adɔ sɛ mmukyia.

4 M’akoma abo na akusa sɛ ɛfan,

na m’ani apa m’aduane die so.

5 M’apinisie nne nti

me nnompe afemfam me wedeɛm.

6 Mete sɛ ɛserɛ so nantwinoma,

mayɛ sɛ amamfo so patuo.

7 Mesiri pɛ, mete sɛ apatuprɛ

a ɔno nko si ɛdan atifi.

8 Da mu nyinaa m’atamfoɔ bɔ me ahohora,

wɔn a wɔbɔ me so dam de me yɛ ntanka.

9 Na madi nso sɛ aduane,

na mede esu mafra m’anonneɛ mu.

10 Ɛnam w’abufuo ne w’anibereɛ so nti,

na womaa me soɔ, na woato me atwene.

11 Me nna te sɛ sunsum a ɛretwam,

na me deɛ, mekusa sɛ ɛfan.

12 Na wo, AWURADE deɛ, wowɔ hɔ daa,

na wo nkaeɛ kɔduru awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa so.

13 Wobɛsɔre abɛhunu Sion mmɔbɔ,

na ɛberɛ a ɛsɛ sɛ wodom no ni,

na ɛberɛ no adu.

14 Na wo nkoa wɔ n’aboɔ ho akoma,

na wɔn yam hyehye wɔn, ne mfuturo ho.

15 Na amanaman bɛsuro AWURADE din,

na asase so ahemfo nyinaa asuro w’animuonyam,

16 sɛ AWURADE akyekyere Sion,

wayi ne ho adi n’animuonyam mu,

17 wadane n’ani akyerɛ onnibie mpaebɔ,

na wampo wɔn mpaebɔ.

18 Wɔbɛtwerɛ yei ama nkyirimma,

na ɔman a wɔbɛbɔ wɔn no bɛyi AWURADE ayɛ,

19 sɛ wafiri ne soro kronkron hɔ abrɛ n’ani ase ahwɛ fam,

AWURADE firi soro na ahwɛ asase,

20 sɛ ɔbɛtie apokyerɛfoɔ apinisie,

na wasane owuo mma,

21 na wɔabɔ AWURADE din Sion,

na wɔaka n’ayeyie Yerusalem,

22 da a aman bɛbom aboaboa wɔn ho ano

ne ahennie, sɛ wɔbɛsom AWURADE.

23 Wago me tumi mu ɔkwan mu,

watwa me nna so.

24 Meka sɛ: Me Nyankopɔn,

mmu me nna mu mfa me,

wo mfeɛ kyɛre

kɔduru awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa so.

25 Tete nteredee na wohyɛɛ asase aseɛ,

na ɔsoro ne wo nsa ano adwuma.

26 Ɛno deɛ, ɛbɛsɛe, na wo deɛ, wotim hɔ daa.

Wɔn nyinaa bɛsu sɛ atadeɛ,

wobɛsakyera wɔn sɛ atadeɛ, na wɔasakyera.

27 Na wone wo ara, na wo mfeɛ rensa da.

28 Wo nkoa mma bɛtena ase,

na wɔn asefoɔ atim w’anim.