Nnwom 93

Daa hene

1 AWURADE di hene, ɔde animuonyam ahyehyɛ ne ho.

AWURADE ahyehyɛ ne ho, ɔde ahoɔden akyekyere ne ho,

na wiase tim hɔ a ɛrenhinhim.

2 W’adwa tim hɔ firi tete,

wowɔ hɔ firi daa.

3 Asutene ama so, AWURADE,

asutene ama wɔn nne so,

asutene ma wɔn huuyɛ so.

4 Deɛ ɔsene nsukɛseɛ nne, nsuo a ɛwɔ tumi,

ɛpo mu asorɔkyeɛ nne,

ɔne ɔsoro hɔ tumfoɔ AWURADE.

5 W’adansesɛm yɛ nokorɛ pii;

kronkronyɛ na ɛfata wo fie,

AWURADE, nnasanten nyinaa.