Nyankopɔn kuro mufoɔ
Kora mma dwom.
1 AWURADE kuro a ɔkyekyereeɛ wɔ mmepɔ kronkron so.
2 AWURADE dɔ Sion apono sene Yakob tenabea nyinaa.
3 Wɔka wo ho animuonyamsɛm,
Nyankopɔn kuro.
4 Sɛ mebɔ Misraimfoɔ, Babelfoɔ, Filistifoɔ, Tirofoɔ ne Etiopiafoɔ
din wɔ wɔn a wɔni me mu mpo a,
yeinom wɔwoo wɔn hɔ ara.
5 Na Sion ho deɛ, wɔbɛka sɛ:
Wɔwoo wɔn nyinaa mmaako mmaako wɔ ne mu,
na ɔno na ɔma n’ase tim, ɔsorosoroni no.
6 Sɛ AWURADE twerɛ aman din a, ɔbɛka sɛ:
Oyi, wɔwoo no hɔnom.
7 Na nnwontofoɔ ne asafoɔ bɛka sɛ:
Me mmasuo nyinaa wɔ wo mu.