Eksodɔs 37

Apam Adaka no yɛ

1 Na Besalel de okuo yɛɛ adaka no, ne tentene bɛyɛ basafa baako ne fa, na ne tɛtrɛtɛ bɛyɛ basafa baako, na ne sorokɔ bɛyɛ basafa baako.

2 Na ɔde sika amapa duraa emu ne ɛho, na ɔyɛɛ sika hankra twaa ho hyiae.

3 Na ɔguu ɛho sika nkaa nnan de tuatuaa ne nan nnan no ho, nkaa mmienu wɔ ɔfa ha, na nkaa mmienu wɔ ɔfa ha.

4 Na ɔde okuo senee mpoma, na ɔde sika duraduraa ho.

5 Na ɔde mpoma no wurawuraa nkaa no mu, adaka no nkyɛn mu, na wɔde asoa adaka no.

6 Na ɔde sika amapa yɛɛ mpata adwa no, ne tentene basafa baako ne fa, na ne tɛtrɛtɛ bɛyɛ basafa baako.

7 Na ɔde sika a wɔaborɔ yɛɛ sika kerubim mmienu maa no firi mpata adwa no tiri mmienu no mu.

8 Ɔyɛɛ kerub baako wɔ etire ha, na ɔyɛɛ kerub baako nso wɔ etire ha; mpata adwa no mu na ɔmaa kerubim no firii ne tiri mmienu no soɔ.

9 Na kerubim no trɛtrɛɛ wɔn ntaban mu ɔsoro de wɔn ntaban no kataa mpata adwa no so, na wɔn ani kyerɛkyerɛ wɔn ho; na wɔn anim kyerɛkyerɛ mpata adwa no so.

Wɔyɛ ɛpono no

10 Na ɔde okuo yɛɛ ɛpono no, ne tentene basafa baako, ne tɛtrɛtɛ basafa ɛfa, na ne sorokɔ bɛyɛ basafa baako.

11 Na ɔde sika amapa duraa ho, na ɔyɛɛ ɛho sika hankra hyiae.

12 Na ɔyɛɛ ɛho mfemfamho a ne tɛtrɛtɛ te sɛ nsam hyiae, na ɔyɛɛ mfemfamho no ho sika hankra hyiae.

13 Na ɔguu ɛho sika nkaa nnan, na ɔde nkaa no sisii ntwea nnan a ɛwɔ ne nan nnan ho no so.

14 Mfemfamho no ase pa ara na nkaa a ɛyɛ mpoma a wɔde bɛsoa ɛpono no wurabea no wɔ.

15 Na ɔde okuo senee mpoma no, na ɔde sika duraduraa ho, na wɔde asoa ɛpono no.

16 Na ɔde sika amapa yɛɛ ɛpono no so nnoɔma, ne nyowa ne ne nyowaa ne ne nkuruwa ne ne nkoraa a wɔde bɛhwie.

Kaneadua no yɛ

17 Na ɔde sika amapa a wɔaboro na wɔde yɛɛ kaneadua no, ne nan ne ne dua; ɛho kuruwa, ne kukuduuduu ne ne nhwiren firi ɛno ara mu.

18 Na nsa nsia tuatua ho, kaneadua no nsa mmiɛnsa tuatua ɔfa ha, na kaneadua no nsa mmiɛnsa tuatua ɔfa ha.

19 Nkuruwa mmiɛnsa a ɛte sɛ sorɔno deɛ wɔ nsa baako ho, ne kukuduuduu ne ne nhwiren, na nkuruwa mmiɛnsa a ɛte sɛ sorɔno deɛ wɔ nsa baako ho, ne kukuduuduu ne ne nhwiren: Saa ara na ɛteɛ wɔ nsa nsia a ɛtuatua kaneadua no ho no ho.

20 Na kaneadua no ho nkuruwa a ɛte sɛ sorɔno deɛ no yɛ nnan, ne kukuduuduu ne ne nhwiren;

21 na kukuduuduu no wowɔ nsa mmienu mmienu a ɛtuatua ho no ase, nsa nsia a ɛtuatua ho no ase.

22 Ne kukuduuduu ne ne nsa no tua ho ara, ne nyinaa yɛ sika amapa a wɔaborɔ bafua.

23 Na ɔde sika amapa yɛɛ ɛso nkanea nson no ne ɛho adaban ne ɛho nso nkukuwa.

24 Sika amapa dwetikɛseɛ baako na ɔde yɛeɛ ɛne ɛho nnoɔma no nyinaa.

Wɔyɛ aduhwamhyeɛ afɔrebukyia no

25 Na ɔde okuo yɛɛ aduhwamhyeɛ no afɔrebukyia, ne tentene yɛ basafa fa, na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ basafa fa, ɛyɛ ahinanan, ne sorokɔ yɛ basafa baako; ne mmɛn nso tuatua ho ara.

26 Na ɔde sika amapa duraa ho, ɛso ne ɛho hyiae, ne ne mmɛn no; na ɔyɛɛ ɛho sika hankra hyiae.

27 Na ɔyɛɛ ɛho sika nkaa mmienu, wɔ ne hankra no ase, ne nkyɛn mu mmienu no so, sɛ ɛnyɛ mpoma no wurabea na wɔde asoa.

28 Na ɔde okuo senee mpoma, na ɔde sika duraduraa ho.

Sra ngo ne Aduhwam no yɛ

29 Na ɔyɛɛ sra ngo kronkron ne ɛhyeɛ aduhwam korɔgyenn no, sɛdeɛ odufrafoɔ fra no.