Nnɔbaeɛ twa ho aseda dwom
Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Dwom a wɔto no asankuo ano.
1 Onyankopɔn, dom yɛn, na hyira yɛn,
te w’anim kyerɛ yɛn.
2 Na ma wɔnhunu w’akwan wɔ asase so,
wo nkwagyeɛ amanaman nyinaa mu.
3 Onyankopɔn, aman bɛyi wo ayɛ,
aman nyinaa bɛyi wo ayɛ.
4 Aman ani bɛgye na wɔato ahosan nnwom,
sɛ wobu aman atɛntenenee
na wokyerɛkyerɛ asase so aman kwan.
5 Onyankopɔn, aman bɛyi wo ayɛ,
aman nyinaa bɛyi wo ayɛ.
6 Asase abɔ n’aduane, Onyankopɔn,
yɛn Nyankopɔn bɛhyira yɛn.
7 Onyankopɔn bɛhyira yɛn,
na wɔn a wɔte asase ano nyinaa asuro no.