Nyankopɔn animuonyam a ɛda adi ahum mu
Dawid dwom.
1 Mo ɔsoro asafo, momfa animuonyam mma AWURADE,
momfa animuonyam ne tumi mma AWURADE.
2 Aane, monhyɛ AWURADE din animuonyam,
monsɔre AWURADE, ahokeka kronkron mu.
3 AWURADE nne wɔ nsuo so,
animuonyam Nyankopɔn ma aprannaa bom,
AWURADE wɔ nsuo bebree so.
4 AWURADE nne mu yɛ den sɛ,
AWURADE nne mu wɔ animuonyam.
5 AWURADE nne bubu ntweneduro,
AWURADE bubu Lebanon ntweneduro.
6 Na ɔma wɔhurihuri sɛ nantwie ba,
Lebanon ne Sirion sɛ okoo ba.
7 AWURADE nne pa gya a ɛdɛre.
8 AWURADE nne ma ɛserɛ so hɔ him,
AWURADE ma Kades serɛ so hɔ po.
9 AWURADE nne ma aforoteɛ ko awoɔ,
na ɛma kwaeɛ mu da hɔ,
na n’asɔrefie mufoɔ nyinaa ka sɛ: Animuonyam nka Nyankopɔn.
10 AWURADE tenaa ase wɔ nsuo a ayiri so,
na AWURADE bɛtena hɔ sɛ ɔhene daa.
11 AWURADE bɛma ne man ahoɔden,
AWURADE de asomdwoeɛ bɛhyira ne man.