Nkwagyeɛ ne ɔsɛeɛ
1 Mmuaeɛ bɔkɔɔ sianka anibereɛ,
na asɛmdenden hwanyan abufuo mu.
2 Anyansafoɔ tɛkyerɛma ma nimdeɛ yɛ dɛ,
na nkwaseafoɔ ano woro agyimisɛm.
3 AWURADE ani wɔ mmaa nyinaa
rehwɛ abɔnefoɔ ne apapafoɔ.
4 Tɛkyerɛmabereɛ yɛ nkwa dua,
na emu kyea yɛ honhom mu mmubuiɛ.
5 Ogyimifoɔ bu n’agya atenetene animtia,
na deɛ ɔbu nkaanim no ani bɛte.
6 Ɔteneneeni fie wɔ ahodeɛ pii,
na ɔbɔnefoɔ nnɔbaeɛ mu wɔ anitane.
7 Anyansafoɔ ano pete nimdeɛ,
na nkwaseafoɔ akoma ntim.
8 Abɔnefoɔ afɔdeɛ yɛ AWURADE akyiwadeɛ,
na teefoɔ mpaebɔ yɛ n’anisɔdeɛ.
9 Ɔbɔnefoɔ kwan yɛ AWURADE akyiwadeɛ,
na tenenee kyidifoɔ na ɔdɔ no.
10 Ntea a emu yɛ den wɔ hɔ ma deɛ ɔpo ɔkwan no,
na deɛ ɔkyiri animka no bɛwu.
11 Asamando ne ɔsɛeɛ amena wɔ AWURADE anim,
na nkantom nnipa mma akoma.
12 Ɔfɛdifoɔ nnɔ deɛ ɔka n’anim,
ɔnkɔ anyansafoɔ nkyɛn.
13 Anigyeɛ akoma ma anim te,
na akoma mu awerɛhoɔ bubu honhom.
14 Nhunumufoɔ akoma hwehwɛ nimdeɛ,
na nkwaseafoɔ ano di agyimisɛm.
15 Ɔmanehunufoɔ nna nyinaa yɛ bɔne,
na akoma pa te sɛ daa apontoɔ.
16 AWURADE suro mu ade ketewa yɛ
sene ahodeɛ pii a ɔhaw wɔ mu.
17 Ɛfan aduane a ɔdɔ wɔ mu yɛ
sene nantwie a wadɔ na ɔtane wɔ mu.
18 Obufufafoɔ hwanyan ntɔkwa mu,
na abodwokyɛrefoɔ pata akayɛ.
19 Onihafoɔ kwan te sɛ nkasɛɛ ban,
na teefoɔ kwan yɛ petee.
20 Ɔba nyansafoɔ ma n’agya ani gye,
na onipa kwasea bu ne na animtia.
21 Agyimisɛm yɛ anigyeɛ ma deɛ ɔnni tire,
na nhunumu nipa tene ne nanteɛ.
22 Wɔkwati agyinakorɔ a, tirimbɔ yɛ ɔkwa,
na agyinatufoɔ pii mu na ɛbɛgyina.
23 Onipa anomu mmuaeɛ yɛ anigyeɛ ma no,
na asɛm a wɔka no ne berɛ mu, sɛdeɛ ɛsi yɛ!
24 Nkwa kwan kɔ ɔsoro ma onimdefoɔ,
na wakwati Asamando a ɛwɔ aseɛ no.
25 AWURADE dwiri ahantanfoɔ fie,
na ɔma okunafoɔ hyeɛ tim.
26 Ɔbɔne adwene yɛ AWURADE akyiwadeɛ,
na nsɛm a ɛyɛ dɛ ho te.
27 Amim mu mfasopɛfoɔ sɛe ne fie,
na deɛ ɔkyiri akyɛdeɛ bɛtena ase.
28 Ɔteneneeni akoma dwene mmuaeɛ ho,
na abɔnefoɔ ano woro nsɛmmɔne.
29 AWURADE ne abɔnefoɔ ntam ware,
na ateneneefoɔ mpaebɔ deɛ, ɔtie.
30 Aniwa so teɛ ma akoma tɔ yam,
atesɛm pa ma nnompe mu ba hon.
31 Aso a ɛtie nkwa animka no,
ɛbɛtena anyansafoɔ mu.
32 Deɛ ɔgyaa atenetene mu po ne kra,
na deɛ ɔtie animka no nya akoma.
33 AWURADE suro ne nyansa atenetene,
na ahobrɛaseɛ di animuonyam anim.