Moab ho atemmusɛm
1 Moab ho atemmusɛm.
Ɛnam sɛ anadwo baako wɔasɛe Ar nti,
Moab abɔ no,
ɛnam sɛ anadwo baako wɔasɛe Kir
Moab abɔ no nti,
2 wɔreforo akɔ Bayit ne Dibon
sorɔnsorɔmmea akɔsu,
Moab retwa adwo,
Nebo ne Medeba;
wɔn nyinaa abobɔ tikwa,
wɔn nyinaa ayiyi wɔn bɔdwesɛ;
3 wɔfirafira ayitoma, wɔn mmorɔno so,
na wɔn adan atifi ne wɔn mpraeɛ so,
wɔn nyinaa retwa adwo su pii.
4 Na Hesbon ne Eleale team
ma wɔte wɔn nne kɔduru Yahas,
yei nti na Moab akofoɔ team denden;
ne kra ho popo.
5 M’akoma su ma Moab,
na n’adwanefoɔ kɔduru Soar,
kɔduru Eglat-selisiya.
Na Luhit aforoeɛ no,
wɔde nisuo foro,
na Horonaim kwan mu
wɔma ɔsɛeɛ adwotwa so.
6 Na Nimrim asuo no
asɛe pɔtɔɔ,
na ɛserɛ adwan, na wira asa,
wira mono nni hɔ bio.
7 Enti adeɛ a wɔanya asie
ne wɔn akoradeɛ no,
wɔsoa kɔtwa
mpampuro subonhwa.
8 Na adwotwa no atwa
Moab asase so ahyia,
ne su aduru Eglaim,
ne su nso aduru Beer-elim.
9 Na mogya ayɛ Dimon nsuo no ma,
na mede ade foforɔ nso meka Dimon ho;
gyata bɛba Moab adwanefoɔ
ne asase no so nkaeɛ no so.