1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:
2 Kasa kyerɛ Aaron ne ne mma ne Israelfoɔ nyinaa, na ka kyerɛ wɔn sɛ: Yei ne asɛm a AWURADE ahyɛ ho mmara sɛ:
3 Obiara a ɔwɔ Israel fie a ɔkum nantwie anaa odwanten anaa abirekyie nsraban no mu anaasɛ ɔku no nsraban no akyire,
4 na ɔmfa mma ahyiaeɛ ntomadan no ano mmɛyɛ ayɛyɛdeɛ mma AWURADE wɔ tenabea anim no, wɔbɛbu mogya agu ne so, waka mogya agu, na wɔbɛtwa saa onipa no afiri ne man mu atwene,
5 na ama Israelfoɔ de wɔn afɔdeɛ a wɔkum wɔ ɛserɛ soɔ no abrɛ asɔfoɔ no ama wɔde abrɛ AWURADE wɔ ahyiaeɛ ntomadan no ano, na wɔakum abɔ AWURADE asomdwoeɛ afɔdeɛ.
6 Na ɔsɔfoɔ no mfa mogya no mpete AWURADE afɔrebukyia no so, ahyiaeɛ ntomadan no ano, na ɔnhye sradeɛ no na ɛnyi hwa hwanhwam mma AWURADE.
7 Na wɔnnkum wɔn afɔrebɔdeɛ mmma mpapo abosom a wɔdi wɔn akyiri adwamammɔ soɔ no bio. Na ɛnyɛ daa ahyɛdeɛ mma wɔn, wɔn awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.
8 Na wɔn deɛ, ka kyerɛ wɔn sɛ: Obiara a ɔfiri Israel fie anaa ahɔhoɔ a wɔabɛsoɛ wɔn mu no mu a ɔbɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ anaa okum afɔdeɛ bie,
9 na wamfa amma ahyiaeɛ ntomadan ano ammɛbɔ amma AWURADE no, wɔbɛtwa no afiri ne man mu atwene.
Wɔnnni mogya
10 Na obiara a ɔfiri Israel fie anaa ahɔhoɔ a wɔabɛsoɛ wɔn mu no mu a ɔdi mogya biara no, mɛma m’ani asa saa ɔkra a ɔdi mogya no, na matwa no afiri ne man mu atwene.
11 Ɛfiri sɛ ɔhonam kra wɔ mogya no mu, na mede ama mo, afɔrebukyia no so sɛ wɔmfa mpata mma mo kra; na mogya na wɔde pata ma ɔkra.
12 Ɛno nti na mese Israelfoɔ sɛ: Mo mu ɔkra biara nnni mogya, na ɔhɔhoɔ a wabɛsoɛ mo mu no nso nnni mogya.
13 Na obiara a ɔfiri Israel mma ne ahɔhoɔ a wɔabɛsoɛ mo mu no mu a ɔyɛ ha kum aboa anaa anomaa a wɔdie no, ɔnhwie ne mogya ngu na ɔmfa dɔteɛ nkata so.
14 Na ɔhonam nyinaa kra deɛ, ne mogya ne ne kra, enti na mese Israelfoɔ sɛ: Monnni nam biara mogya, ɛfiri sɛ honam nyinaa kra ne ne mogya; obiara a ɔdie no, wɔbɛtwa no atwene.
15 Na obiara a ɔdi deɛ wawuo anaasɛ deɛ wɔatete no, kuromani oo, ɔhɔhoɔ oo, ɔnsi ne ntadeɛ na ɔmfa nsuo nnware, na ne ho nte kɔsi anwummerɛ ansa na ne ho ate;
16 na sɛ wansi ne ntadeɛ na wannware ne ho a, ɛnneɛ ɔnsoa ne mmusuo.