Yudit 13

Yudit twa Holoferne ti

1 Onwunu dwoeɛ no, ntɛm ara na ne nkoa no twee wɔn ho. Bagoas too ntomadan no mu wɔ akyire, na ɔyii asomfoɔ no firii ne wura anim. Wɔn nyinaa kɔdaeɛ. Na na wɔabrɛbrɛ ɛsiane sɛ, wɔkyɛree wɔ apontoɔ no ase.

2 Ɛno nti ɛkaa Yudit nko ara wɔ ntomadan no mu hɔ, a Holoferne bea ne mpa so, ɛsiane sɛ na waboro papaapa.

3 Afei nso na Yudit aka akyerɛ n’abaawa no sɛ ɔntwɛn wɔ dabekyire no akyi kɔsi sɛ ɔbɛba, sɛdeɛ na ɔyɛ no nna a aka no; ɛsiane sɛ na waka sɛ ɔbɛfiri adi akɔbɔ ne mpaeɛ no. Na waka saa nso akyerɛ Bagoas.

4 Saa nti obiara firii adi, na anka obiara, sɛ ketewa anaa kɛseɛ, obiara anka wɔ dabekyire no mu. Ɛnna afei Yudit gyinaa ne mpa no ho, ɔkaa wɔ ne koma mu sɛ: O Awurade Nyankopɔn, tumi nyinaa wura, ɛdɔn yi mu, hwɛ me nsa ano adwuma na fa so korɔn Yerusalem.

5 Ampa ara, afei na ɛberɛ aduru sɛ woboa w’agyapadeɛ, na meyɛ deɛ mahyehyɛ sɛ mede rebɛsɛe atamfoɔ a wɔasɔre atia yɛn no.

6 Ɔkɔgyinaa mpadua a ɛbɛn Holoferne ti ho no, na ɔyii ne nkrantɛ a na ɛsɛne hɔ no.

7 Ɔtwi bɛnee ne mpa no, na ɔsɔɔ ne tirinwi mu kaa sɛ: O Awurade, Israel Nyankopɔn, ma me ahoɔden nnɛ da yi!

8 Na ɔde n’ahoɔden nyinaa twaa ne kɔn mprenu, na ɔtwaa ne ti.

9 Afei ɔmunii ne sini no firii mpa no so, na ɔtwetwee ntoma a wɔde akata mpadua no ho no firii dua no so. Ɛyɛɛ kakra no, ɔfirii adi de Holoferne ti no kɔmaa n’abaawa no,

10 a ɔno nso de hyɛɛ n’aduane bɔtɔ mu.

Yudit sane ba Betulia

Ɛnna wɔn baanu no bɔɔ anan sɛdeɛ wɔtaa yɛ no sɛ wɔbɔ mpaeɛ no. Wɔtwaam faa nsraban no mu, na wɔtwaa bɔnhwa no ho hyiae, na wɔforoo bepɔ no kɔɔ Betulia, na wɔbɛduruu n’apono ano.

11 Yudit firii akyirikyiri frɛɛ awɛmfoɔ a wɔwɛn ɛpono no sɛ: Bue, bue pono no! Onyankopɔn, yɛn Nyankopɔn ka yɛn ho, na ɔda so ara kyerɛ ne tumi wɔ Israel, ne n’ahoɔden kyerɛ yɛn atamfoɔ, sɛdeɛ wayɛ no ɛnnɛ da yi!

12 Na ɛberɛ a nkurɔfoɔ a wɔwɔ kuro no mu tee ne nne no, wɔyɛɛ ntɛm siane baa kuro pono no ano, na wɔfrɛfrɛɛ kuro no mu mpanimfoɔ.

13 Wɔn nyinaa tuu mmirika, nketewa ne akɛseɛ, ɛfiri sɛ na wɔnnye nni sɛ ɔbɛtumi asane aba. Wɔbuee ɛpono no maa wɔbaa mu. Afei wɔsɔɔ gya de nyaa hann, na wɔtwaa ho hyiae.

14 Na ɔde nne kɛseɛ teaam sɛ: Monyi Awurade ayɛ, O monyi no ayɛ! Monyi Awurade ayɛ, ɔno a wamfa ne mmɔborɔhunu ankame Israel fie, na mmom ɔnam me nsa so asɛe yɛn atamfoɔ anadwo yi ara!

15 Ɛnna afei ɔyii etire no firii bɔtɔ no mu kyerɛɛ wɔn, na ɔkaa sɛ: Monhwɛ ha, Asiriafoɔ sahene Holoferne ti ne ntoma a na ɛkata mpadua so a waboro sram da so no nie. Awurade nam ɔbaa nsa so aku no.

16 Na sɛ Awurade te aseɛ yi, ɔno a wabɔ me ho ban wɔ ɔkwan a mekɔeɛ no, meka ntam sɛ ɛyɛ m’animdua na ɛdaadaa no kɔɔ ne sɛeɛ mu, na ɔne me anyɛ bɔne biara a ɛgu me ho fi na ɛgu m’anim ase.

17 Nnipa no nyinaa ho dwirii wɔn kɛseɛ. Wɔbɔɔ wɔn mu ase sɔree Onyankopɔn, na wɔde ano koro kaa sɛ: Nhyira nka wo, yɛn Nyankopɔn a ɛnnɛ da yi woabrɛ wo nkurɔfoɔ atamfoɔ aseɛ.

18 Ɛnna afei Ussia ka kyerɛɛ no sɛ: O ɔba, Ɔsorosoro Nyankopɔn no ahyira wo asene mmaa nyinaa wɔ asase so; na nhyira nka Awurade Nyankopɔn a ɔbɔɔ soro ne asase, ɔno a waboa wo ama woakɔtwa yɛn atamfoɔ sahene ti.

19 W’ayeyie remfiri wɔn a wɔkae Onyankopɔn tumi no akoma mu da.

20 Onyankopɔn mma yei nyɛ daa animuonyam mma wo, na ɔnhyira wo, ɛfiri sɛ woankame w’ankasa wo nkwa, ɛberɛ a wɔbrɛɛ yɛn man aseɛ no, wosii yɛn sɛeɛ ho kwan, sɛ wonantee tee kwan so wɔ Onyankopɔn anim. Na nkurɔfoɔ no nyinaa kaa sɛ: Amen, Amen!