Sirak 48

Elia

1 Ɛnna afei Elia sɔreeɛ, odiyifoɔ a ɔte sɛ ogya,

na n’asɛm hyee sɛ ogyatɛnee.

2 Na ɔmaa ɛkɔm baa wɔn so,

na ɛnam ne nsiyɛ so, ɔmaa wɔn dodoɔ yɛɛ kakra bi.

3 Ɔnam Awurade anom asɛm so too ɔsoro mu,

na mprɛnsa so ɔmaa ogya firii soro baeɛ.

4 Hwɛ animuonyam a na wowɔ, Elia, wɔ wo nnwuma nwanwa no mu!

Hwan animuonyam na ɛne wo deɛ sɛ?

5 Wonyanee efunu firii owuo mu

ne Asamando, ɛnam Ɔsorosoroni no asɛm so.

6 Wobrɛɛ ahemfo ase de wɔn kɔɔ ɔsɛeɛ mu,

ne akunini firii yadeɛ mpa so.

7 Wotee animka wɔ Sinai

ne aweretɔ atemmuo wɔ Horeb.

8 Wosraa ahemfo sɛ wɔntwe aso wɔ bɔne ho,

de adiyifoɔ hyɛɛ w’ananmu.

9 Wɔnam ogya kyinhyia-mframa mu faa wo kɔɔ soro,

wɔ teaseɛnam a ogya apɔnkɔ retwi mu.

10 Wɔ ɛberɛ a wɔahyɛ atɔ hɔ mu no, wɔatwerɛ sɛ wɔayi wo asi hɔ

sɛ dwodwo Onyankopɔn abufuhyeɛ ano ansa na ɛde anibereɛ abu aba,

na abɛdane awofoɔ akoma de akɔ wɔn mma ho,

na wode Yakob mmusua asisi hɔ bio.

11 Nhyira ne wɔn a wɔhunuu woɔ

na wɔde wo ho dɔ siesieewɔ ho fɛfɛɛfɛ!

Ɛfiri sɛ yɛn nso bɛtena ase bi.

Elisa

12 Ɛberɛ a wɔde kyinhyia-mframa kataa Elia so no,

ne honhom kɔhyɛɛ Elisa ma.

Na ɔyɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ ahodoɔ ne mmɔho mprenu,

na asɛm biara a ɛfirii n’anom baeɛ biara yɛɛ nnipa nwanwa.

Ne nkwa nna mu nyinaa, amma sɛ ne ho popoo ɔhene bi anim,

anaasɛ obi de ahunahuna baa ne so.

13 Biribiara nni hɔ a na ɛyɛ den ma no,

na ɛberɛ a na wawuo no, ne nipadua hyɛɛ nkɔm.

14 Ne nkwa nna mu no, ɔyɛɛ anwanwadeɛ bebree,

na ne wuo mu no na ne nnwuma yɛ nwanwa.

15 Yeinom nyinaa akyi no, nkurɔfoɔ no ansakyera,

anaasɛ wɔannyae wɔn bɔne yɛ,

kɔsii sɛ wɔfaa wɔn sɛ afomdeɛ firii wɔn asase so,

na wɔpetee wɔn wɔ asase no so nyinaa.

Nnipa no dodoɔ bɛkaa kakra bi,

na mmom wɔnyaa ɔhene firii Dawid fie.

16 Wɔn mu binom yɛɛ deɛ na ɛtene,

nanso afoforɔ deɛ wɔkɔɔ so ara yɛɛ bɔne.

Hesekia

17 Hesekia bɔɔ ne kuro ho ban,

na ɔde nsuo baa ne mfimfini;

ɔde dadeɛ twitwaa aka wɔ ɔbotan mu,

na ɔde sii abura maa nsuo no.

18 Ne berɛ so no, Senakerib tuu ɔman no so sa;

ɔsomaa n’asafohene na ɔfirii hɔ kɔe;

ɔmaa ne nsa so de tiaa Sion,

na ɔkekaa nsɛm akɛseɛ wɔ n’ahantan mu.

19 Afei wɔn akoma tui na wɔn nsa popoeɛ,

na wɔn ho dwanee wɔn sɛ mmaa a wɔakɔ awoeɛ.

20 Nanso wɔfrɛɛ Awurade a ɔyɛ mmɔborɔhunu no,

trɛtrɛɛ wɔn nsam kyerɛɛ no.

Ɔkronkronni no yɛɛ ntɛm tiee wɔn firii ɔsoro,

na ɔnam Yesaia so gyee wɔn nkwa.

21 Awurade bɔɔ Asiriafoɔ nsraban hwee fam,

na ne bɔfoɔ pepaa wɔn firii hɔ.

22 Ɛfiri sɛ Hesekia yɛɛ deɛ ɛsɔ Awurade ani,

na ɔgyinaa agya Dawid akwan so pintinn,

sɛdeɛ Odiyifoɔ Yesaia hyɛɛ no no,

ɔno a na ɔyɛ okunini ne ɔnokwafoɔ wɔ n’ani so.

Yesaia

23 Yesaia berɛ so no, owia sanee n’akyi,

na ɔmaa ɔhene no nkwa waree.

24 Ɔnam n’akokoɔduro honhom so hunuu daakye,

na ɔkyekyee asufoɔ a wɔwɔ Sion no werɛ.

25 Ɔdaa nnoɔma a ɛsɛsɛ ɛba na awieeɛ berɛ no ba no adi,

ne nnoɔma a ahunta adi ansa na aba mu.