1 Ma w’ani nwu sɛ woreti deɛ woate no mu,
ne sɛ wobɛda ahuntasɛm adi.
Ɛno na wobɛkyerɛ aniwuo ankasa,
na woanya nnipa nyinaa anim adom.
Mma w’ani nwu wɔ nnoɔma a ɛdidi soɔ yi ho,
na ɛnyɛ bɔne mfa mpɛ anim pa:
2 Mma w’ani nwu wɔ Ɔsorosoroni no mmara ne n’apam ho,
ne sɛ worebu atɛn de asan obusuyɛfoɔ ti;
3 sɛ wo ne ɔhokani anaasɛ deɛ wo ne no retu kwan bɛbu nkonta;
4 sɛ wode nsania ne abrammoɔ a ɛyɛ pɛpɛɛpɛ,
ne sɛ worenya pii anaasɛ ketewa;
5 wɔ mfasoɔ a wobɛnya wɔ adwadifoɔ hɔ,
ne asotwe a wɔtaa de ma nkwadaa,
na ɛhweɛ yayaaya a wɔde hwe akoa omumuyɛni.
6 Na baabi a ɔyere a wɔntumi nnye no nnie no, nsɔano yɛ adepa;
na faako a nsa bebree wɔ no, wɔto nnoɔma mu.
7 Ɛberɛ a wode sika bɛto hɔ no, hwɛ hunu sɛ wɔakan na wɔakari,
na sɛ woma anaasɛ wogye a, twerɛ to krataa so.
8 Mma w’ani nnwu sɛ wotene ɔkwasea anaasɛ ogyimfoɔ
anaasɛ ɔpanin a ɔdi fɔ wɔ adwamammɔ ho.
Afei na wobɛda wo nteteeɛ pa no adi,
na ɛbɛsɔ nnipa nyinaa ani.
Mmammaa ne agyanom
9 Ɔbabaa yɛ n’agya kokoam haw,
ne ne dadwene a ɔmma no ntumi nna;
ɛberɛ a ɔsua no, na ɔsuro sɛ ebia ɔnware,
anaasɛ sɛ ɔware a, ɔsuro sɛ wɔmpɛ n’asɛm;
10 ɔda so yɛ ɔbaabunu no, ɔsuro sɛ wɔbɛtumi adaadaa no ama wayɛ bɔne
na wanyinsɛn wɔ n’agya fie;
anaasɛ ɔnya kunu a, ɔsuro sɛ ɔbɛfa okunu akyi ayɛ bɔne,
anaasɛ, waware deɛ nanso na wayɛ bonini.
11 Ma w’ani nkɔ ɔbabaa tirimuɔdenfoɔ so yie,
anyɛ saa a ebia na wayɛ aseredeɛ ama w’atamfoɔ,
ɛfene wɔ kuro ne nnipadɔm mu,
na wagu w’anim ase wɔ ɔmanfoɔ nhyiamu.
Hwɛ sɛ aniahunuankansa biara nni ne dan mu hɔ,
sɛ nkekaeɛ biara nkyerɛ ɔkwan a ɛde kɔ ɛdan no mu.
12 Mma ɔmfa n’ahoɔfɛ ɛnkyerɛ ɔbarima biara,
anaasɛ ɔsɛe ne berɛ wɔ mmaa awarefoɔ ho;
13 ɛfiri sɛ ntadeɛ mu na nweweeɛ firi ba,
na ɔbaa mu na ɔbaa atirimuɔden firi ba.
14 Ɔbaa a ɔyɛ papa deɛ fanyinam ɔbarima amumuyɛ;
na ɛyɛ ɔbaa na ɔde aniwuo ne animguaseɛ ba.
Onyankopɔn nnwuma a ɛwɔ abɔdeɛ mu
15 Afei merebɛtwe adwene aba Awurade nnwuma ho,
na mede deɛ mahunu no bɛto dwa.
Ɛnam Awurade asɛm so na wɔyɛ ne nnwuma;
na n’abɔdeɛ nyinaa yɛ n’apɛdeɛ.
16 Owia de ne hann hwɛ nnoɔma nyinaa,
na Awurade animuonyam ahyɛ ne nnwuma ma.
17 Awurade mmaa n’akronkronfoɔ mpo kwan
sɛ wɔnka n’anwanwa dwuma nyinaa,
na Awurade Otumfoɔ no ahyɛ
sɛdeɛ ɛbɛyɛ na wiase bɛgyina hɔ pintinn wɔ animuonyam mu.
18 Ɔhwehwɛ ebunu ne onipa akoma mu;
na ɔte wɔn kokoam nsɛm ase.
Ɛfiri sɛ Ɔsorosoroni no nim deɛ ɛsɛ sɛ wɔhu no nyinaa;
ɔfiri nnoɔma a ɛwɔ hɔ tete no hunu nnoɔma a ɛrebɛba.
19 Ɔka deɛ aba ne deɛ ɛsɛ sɛ ɛba no kyerɛ,
na ɔda nnoɔma a ahunta no akwan adi.
20 Adwenemusɛm biara nni hɔ a ɔnnim,
na biribiara nni hɔ a ahunta no.
21 Wahyehyɛ ne nyansa animuonyam no pɛpɛɛpɛ;
na ɔte saa ara wɔ mmerɛ santen nyinaa mu.
Biribiara nni hɔ a wɔtumi de ka ho, anaasɛ wɔyi firi mu,
na ɔnhia obiara sɛ ne futufoɔ.
22 Hwɛ sɛdeɛ ne nnwuma nyinaa si yɛ akɔnnɔ,
na sɛ wohwɛ a, sɛdeɛ ɛsi hyerɛn fa!
23 Nnoɔma yeinom nyinaa te hɔ na ɛbɛwɔ hɔ afebɔɔ;
wɔkora abɔdeɛ biara de ma botaeɛ bi.
24 Nnoɔma nyinaa nam mmienu mmienu, oyi ne oyi bɔ abira,
na biribiara nni hɔ a wama no atɔ sini.
25 Emu biara boa nnoɔma pa a ɛwɔ ɔfoforɔ mu no.
Hwan ara na ɔbɛbrɛ wɔ n’animuonyam hwɛ ho?