Adasamma mmɔborɔyɛ
1 Wɔbɔɔ adwumaden maa obiara,
na wɔde kɔnnua duruduro ahyɛ Adam aseni biara kɔn mu,
ɛfiri da a wɔfiri wɔn na yafunu mu baeɛ
kɔsi da a wɔbɛsane akɔ ateasefoɔ nyinaa wɔn na hɔ.
2 Akoma mu haw ne suro yɛ wɔn kyɛfa,
na ɛda adwene mu haw kɔsi wɔn wu da mu.
3 Ɛfiri deɛ ɔte ahennwa fɛfɛ so
de kɔsi deɛ wɔabrɛ no ase wɔ dɔteɛ ne nso mu no,
4 ɛfiri deɛ ɔfiri bere dum na ɔhyɛ ahenkyɛ
de kɔsi deɛ ɔfira bɔtɔ soɔ,
5 abufuo, nitan, ɔhaw, basabasayɛ,
owuo ho hu, anibereɛ ne ntɔkwa wɔ hɔ ma wɔn.
Na ɛberɛ a obi rehome wɔ ne mpa soɔ no,
n’anadwo nna ma n’adwene yɛ no basaa.
6 Ɔnya ahome ketewa bi anaa nso mpo ɔnnya bi;
ɔpere wɔ ne nna mu sɛdeɛ ɔyɛ wɔ ɛda mu no.
Mfonini a ɔhu wɔ n’adwene mu no ha no
te sɛ obi a wanya ne tiri adidi mu wɔ akono.
7 Ɛyɛ sɛdeɛ ne ho bɛtɔ no no a, na n’ani ate,
na ɛyɛ no nwanwa sɛ ne suro no yɛ kwa.
8 Abɔdeɛ nyinaa, nnipa ne mmoa so na saa nnoɔma yi ba,
nanso adebɔneyɛfoɔ nya no mprɛnson.
9 Owuo, mogyahwieguo, ntɔkwa, afena,
atoyerɛnkyɛm, ɛkɔm, ɔsɛeɛ ne yaredɔm.
10 Wɔbɔɔ yeinom nyinaa maa omumuyɛfoɔ,
na wɔn nti na nsuyire no baeɛ.
11 Biribiara a ɛfiri asase mu san kɔ asase mu,
na deɛ ɛfiri soro no san kɔ soro.
Ntɛnkyea renyɛ yie
12 Wɔbɛpepa kɛtɛasehyɛ ne ntɛnkyea nyinaa,
na mmom gyidie pa bɛtena ase afebɔɔ.
13 Osisifoɔ ahonyadeɛ bɛwe sɛ asubɔnten,
na ne pem agyegye kɛseɛ sɛdeɛ aprannaa bobom wɔ ahum mu.
14 Sɛdeɛ onipa a ne yam yɛ wɔ deɛ enti a n’ani gye no,
saa ara na mmaratofoɔ bɛhwe ase koraa.
15 Deɛ ɔnni nyamesuro no mma bɛnya mman kakra bi;
wɔyɛ nhini a wɔnni ahoɔden a wɔsi ɔbotan so.
16 Demmire a ɛwɔ nsuo anaa asubɔnten nsunoa no,
wɔtwa no kane ansa na wɔatwa ɛserɛ biara;
17 na mmom ayamyɛ te sɛ nhyira turo,
na ayɛyɛdeɛ tena hɔ afebɔɔ.
Abrabɔ mu anigyeɛ
18 Ahonya ne akatua ma abrabɔ yɛ dɛ,
nanso onipa a ɔtu ahu no yɛ sene ne mmienu.
19 Mma ne kurokyekyerɛ ma obi din ase tim,
nanso deɛ ɔnya nyansa no yɛ sene mmienu no nyinaa.
Anantwie ne turo ma obi yɛ prɔmprɔm,
nanso ɔyere a ne ho nni asɛm no yɛ sene wɔn mu biara.
20 Nsa ne dwom ma akoma ani gye,
nanso nnamfonom dɔ sene mu biara.
21 Atɛntɛbɛn ne sankuo ma dwom dɛdɛ,
nanso ɛnne a ɛyɛ dɛ no sene emu biara.
22 Aniwa pɛ animuonyam ne ahoɔfɛ,
nanso aburoo a ɛrefefɛ no sene mu biara.
23 Ɔyɔnkoɔ anaasɛ adamfoɔ yɛ deɛ wɔgye no to mu daa,
nanso ɔyere nyansani sene wɔn mu biara.
24 Anuanom ne aboafoɔ wɔ hɔ ahokyere berɛ mu,
nanso ayɛyɛdeɛ ma ahotɔ sene wɔn mu biara.
25 Sika ne dwetɛ ma obi gyina pintinn,
nanso wɔbu agyinatuo to mu sene mu biara.
26 Ahonya ne ahoɔden ma nnamyɛ kɔ soro,
nanso Awurade suro yɛ sene mu biara.
Ɔpɛ biara nni Awurade suro mu,
na sɛ wɔwɔ yei a, ɛnhia sɛ wɔhwehwɛ mmoa.
27 Awurade nhyira te sɛ nhyira turo,
na ɛka onipa so sene animuonyam biara.
Animguaseɛ a ɛwɔ asrɛsrɛ mu
28 Me ba, mmɔ bra a ɔsrɛsrɛfoɔ bɔ;
asrɛsrɛ deɛ, fanyinam owuo.
29 Ɛberɛ a obi de n’ani bɛto ɔfoforɔ pono so no,
abrabɔ saa no nyɛ abrabɔ.
Ɛnam obi aduane so ma obi hwere obuo a ɔwɔ,
na mmom obi a ɔnim nyansa na wɔatete no yie no bɔ ne ho ban firi yei ho.
30 Asrɛsrɛ yɛ fenemfenem wɔ onipa a ɔmfɛre adeɛ anomu,
na mmom ɛsɔ gya ano wɔ ne mu.