Hagar ne Ismael
1 Na Abram yere Sarai nwo mma no. Na ɔwɔ afenaa bi a ɔyɛ Misraimni a ne din de Hagar.
2 Na Sarai ka kyerɛɛ Abram sɛ: Hwɛ, AWURADE asi m’awoɔ ho kwan, enti kɔ m’afenaa nkyɛn, ebia mɛnya ne ho mma. Na Abram tiee Sarai.
3 Na Abram tenaa Kanaan asase so mfirinhyia du no, ne yere Sarai faa n’afenaa Hagar a ɔyɛ Misraimni no de no maa ne kunu awareɛ.
4 Na ɔkɔɔ Hagar ho, na ɔnyinsɛnee. Na ɔhunuu sɛ wanyinsɛn no, ɔbuu n’awuraa animtia.
5 Na Sarai ka kyerɛɛ Abram sɛ: Asɛmmɔne a wadi me da wo so. Me na mede m’afenaa mato wo kokom, na ɔhunuu sɛ wanyinsɛn nti, ɔbu me animtia. AWURADE mmu me ne wo ntam atɛn.
6 Ɛnna Abram ka kyerɛɛ Sarai sɛ: Hwɛ, w’afenaa wɔ wo nsam, yɛ no sɛdeɛ ɛyɛ w’ani soɔ. Na Sarai tanee n’ani maa no dwane firii ne nkyɛn.
7 Na AWURADE bɔfoɔ hunuu no nsuo aniwa bi ho wɔ ɛserɛ so wɔ Sur kwan so nsuo aniwa no ho.
8 Na ɔbisaa sɛ: Hagar, Sarai afenaa, wofiri he na woreba, na worekɔ he ni? Na ɔse: Mefiri m’awuraa Sarai anim na meredwane.
9 Na AWURADE bɔfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: Sane kɔ w’awuraa nkyɛn, na kɔbrɛ wo ho ase ma no.
10 Na AWURADE bɔfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: Dɔ na mɛma w’asefoɔ adɔ, na wɔn dodoɔ nti wɔrentumi nkan wɔn.
11 Na AWURADE bɔfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ:
Hwɛ, woanyinsɛn, na wobɛwo ɔba,
na wobɛto ne din Ismael,
sɛ AWURADE ate w’amanehunu.
12 Na ɔbɛyɛ onipa a ɔte sɛ ɛserɛ so afunumu.
Ne nsa bɛtia nnipa nyinaa,
na nnipa nyinaa nsa atia no,
na ɔbɛsɔre atia ne nuanom nyinaa.
13 Na ɔfrɛɛ AWURADE a ɔne no kasaeɛ no din sɛ: Wone El-roi,na ɔse: Mahunu deɛ ɔhu me no ampa anaa?
14 Enti wɔfrɛ asubura no sɛ: Beer-lahai-roi,na hwɛ, ɛwɔ Kades ne Bared ntam.
15 Na Hagar woo ɔba maa Abram. Abram frɛɛ ne ba a Hagar woo no no Ismael.
16 Na Hagar woo Ismael maa Abram no, na Abram adi mfeɛ aduɔwɔtwe nsia.